Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017
|
| 1 |
| Ɛnyɛ yɛn, AWURADE, ɛnyɛ yɛn, na wo din mmom na anuonyam nka w’adɔe nti, wo nokware nti. |
| 2 |
| Adɛn na amanaman nka sɛ: Ɛhe ara na wɔn Nyankopɔn wɔ? |
| 3 |
| Na yɛn Nyankopɔn wɔ ɔsoro, nea ɔpɛ nyinaa na ɔyɛ. |
| 4 |
| Wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sika, nnipa nsa ano adwuma. |
| 5 |
| Wɔwɔ ano, na wɔnkasa, wɔwɔ aniwa, na wonhu ade, |
| 6 |
| wɔwɔ aso, na wɔnte asɛm, wɔwɔ hwene, na wɔnte hua. |
| 7 |
| Wɔn nsa, wɔmfa nka ade, wɔn anan, wɔmfa nnantew, na wɔmfa wɔn menewa nkasa. |
| 8 |
| Wɔn a wɔyɛ wɔn te sɛ wɔn ara, obiara a ɔde ne ho to wɔn so no. |
| 9 |
| Israel, fa wo ho to AWURADE so. Ɔne wɔn boa ne wɔn kyɛm. |
| 10 |
| Aaron fi, momfa mo ho nto AWURADE so. Ɔne wɔn boa ne wɔn kyɛm. |
| 11 |
| Mo a musuro AWURADE, momfa mo ho nto AWURADE so. Wɔn boa ne wɔn kyɛm. |
| 12 |
| AWURADE akae yɛn, obehyira yɛn, obehyira Israel fi, obehyira Aaron fi, |
| 13 |
| obehyira wɔn a wosuro AWURADE, nketewa ne akɛse nyinaa. |
| 14 |
| AWURADE bɛma mo adɔɔso, mo ne mo mma. |
| 15 |
| Moyɛ nnipa a wɔahyira wɔn ama AWURADE, ɔsoro ne asase yɛfo no. |
| 16 |
| Ɔsoro yɛ AWURADE soro, na asase de, ɔde ama nnipa mma. |
| 17 |
| Ɛnyɛ awufo na wobeyi AWURADE ayɛ, na ɛnyɛ wɔn a wosian kɔ kommyɛ mu biara. |
| 18 |
| Na yɛn de, yebehyira AWURADE afi nnɛ akosi daa. Munyi AWURADE ayɛ! |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twidc/psalms/115.mp3
150
115