×

Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017

Nnwom 12

1
O! AWURADE, boa, na ahotefo rewie sa, na anokwafo ase rehyew, nnipa mma mu.
2
Obiara twa ne yɔnko nkontompo, ano fremfrem ne koma nta na wɔde kasa.
3
Ma AWURADE ntwa ano dɛfɛdɛfɛ nyinaa ne tɛkrɛma a ɛka nsɛnkɛse,
4
wɔn a wose: Yɛn tɛkrɛma na yɛde di mmaninsɛm, yɛn ano wɔ hɔ, hena na obedi yɛn so?
5
Mmɔborohunufo so hyɛ ne ahiafo apinisi nti mɛsɔre afei, sɛ AWURADE se ni, megye nea ogu ahome repɛ nkwagye no nkwa.
6
AWURADE bɔhyɛ yɛ bɔhyɛ kronkron te sɛ dwetɛ a wɔanan no fononoo wɔ fam a wɔayiyi mu mpɛn ason.
7
Ao, AWURADE, hwɛ yɛn so, na kora yɛn fi nnɛ mma yi mu daa.
8
Sɛ ahuhusɛm ahoran nnipa mma mu yi, abɔnefo abu so nennamee.
Twi DC Bible 2017
Revised Akuapem Twi DC Bible Bible Society of Ghana, 2017
:
Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw