×

Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017

Nnwom 120

1
AWURADE na m’ahohia mu misu mefrɛɛ no, na otiee me.
2
AWURADE, yi me kra fi atoro ano fi nnaadaa tɛkrɛma mu.
3
Dɛn na ɔmfa mma wo, na dɛn na ɔmfa nka wo ho, wo nnaadaa tɛkrɛma?
4
Ɔde Ɔbran agyan hwirenhwiren ne ogya nsramma na ɛbɛtwe w’aso.
5
Minnue sɛ mabɛsoɛ Mesek na matena Kedar ntamadan mu!
6
Me kra ne wɔn a wɔtan asomdwoe atena akyɛ dodo.
7
Me de, meyɛ asomdwoeni, nso mekasa a, wɔn de, wɔpɛ ɔko.
Twi DC Bible 2017
Revised Akuapem Twi DC Bible Bible Society of Ghana, 2017
:
Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw