×

Twi Revised Asante 2012

Nnwom 120

1
AWURADE na m’ahohia mu mesu mefrɛɛ no, na ɔtiee me.
2
AWURADE, yi me kra firi atorɔ ano, firi nnaadaa tɛkyerɛma mu.
3
Ɛdeɛn na wɔmfa mma woɔ, na ɛdeɛn na wɔmfa nka wo ho, wo nnaadaa tɛkyerɛma?
4
Ɔbrane agyan hwerɛmhwerɛm ne ogya nsramma kɔɔ na ɛbɛyɛ wo kyɛfa.
5
Mennue sɛ mabɛsoɛ Mesek na matena Kedar ntomadan mu!
6
Me kra ne wɔn a wɔtane asomdwoeɛ atena akyɛre dodo.
7
Me deɛ, meyɛ asomdwoeɛni, nanso sɛ mekasa a, wɔn deɛ, wɔpɛ ɔko.
Twi Revised Asante 2012
The Bible Society of Ghana, 2012
:
Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw