Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017
|
| 1 |
| Wɔn a wɔde wɔn ho to AWURADE so no te sɛ Sion bepɔw, entwiw, na etim hɔ daa. |
| 2 |
| Sɛnea mmepɔw atwa Yerusalem ho ahyia no, saa ara na AWURADE atwa ne man ho ahyia fi sesɛɛ de kosi daa. |
| 3 |
| Na bɔne ahempoma rentena treneefo asase so, na treneefo anteɛ wɔn nsa anso amumɔyɛ mu. |
| 4 |
| AWURADE, ma ensi atreneefo no yiye, ne wɔn a wɔteɛ, wɔn koma mu no. |
| 5 |
| Na wɔn a wɔman kɔ wɔn akwan kɔntɔnkye so de, AWURADE de wɔn bɛfra amumɔyɛfo akɔ. Asomdwoe mmra Israel so. |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twidc/psalms/125.mp3
150
125