Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017
|
| 1 |
| Bere a AWURADE de Sion fi nnommum san bae no, yɛyɛe sɛ adaesofo. |
| 2 |
| Ɛno na ɔserew hyɛɛ yɛn anom ma, na anigye dwom hyɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma. Ɛno na wɔkae, amanaman mu sɛ: AWURADE ayɛ ade kɛse ama wɔn. |
| 3 |
| Yiw AWURADE ayɛ ade kɛse ama yɛn, yɛn ani agye. |
| 4 |
| AWURADE, fa yɛn fi nnommum san bra sɛ anafo fam asase so asuten. |
| 5 |
| Wɔn a wɔde nusu gu de ahurusi betwa. |
| 6 |
| Sɛ mpo wɔde nusu kura aba a wogu no a, wɔde ahurusi bekura no afiafi aba. |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twidc/psalms/126.mp3
150
126