Twi Revised Asante 2012
|
| 1 |
| Nhyira ne obiara a ɔsuro AWURADE, na ɔfa n’akwan soɔ. |
| 2 |
| Na wobɛdi wo nsa ano adwuma, nhyira ne wo, na ɛbɛsi wo yie. |
| 3 |
| Wo yere yɛ sɛ obobe a ɛso, wo fie mpia mu, wo mma yɛ sɛ ngodua a wɔatetɛ atwa wo pono ho ahyia. |
| 4 |
| Hwɛ, sɛdeɛ wɔhyira onipa a ɔsuro AWURADE nie. |
| 5 |
| AWURADE mfiri Sion nhyira wo, na hunu Yerusalem yiedie wo nkwa nna nyinaa, |
| 6 |
| aane, na hunu wo mma mma. Asomdwoeɛ mmra Israel so. |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twirevised/psalms/128.mp3
150
128