×

Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017

Nnwom 13

1
Ao! AWURADE, enkosi da bɛn? Wo were befi me daa? Wode w’ani behintaw me akosi da bɛn?
2
Enkosi da bɛn na minni me kra mu yaw, na ade kye a, awerɛhow ntena me komam? Me tamfo nhoran me so nkosi da bɛn?
3
Hwɛ na gye me so, AWURADE, me Nyankopɔn, tew m’ani, na manna owu nna,
4
na me tamfo anka sɛ: Matumi no, na sɛ mihim a, m’ahohiahiafo anni ahurusi.
5
Na me de, m’ani da w’adɔe so, me koma bedi wo nkwagye mu ahurusi,
6
mɛto AWURADE dwom sɛ ɔne me adi no yiye.
Twi DC Bible 2017
Revised Akuapem Twi DC Bible Bible Society of Ghana, 2017
:
Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw