Twi Revised Asante 2012
|
| 1 |
| AWURADE, kae Dawid brɛ nyinaa ma no, |
| 2 |
| sɛdeɛ ɔkaa AWURADE ntam, na ɔhyɛɛ Yakob tumfoɔ no bɔ sɛ: |
| 3 |
| Merenkɔ me fie ntomadan mu, meremforo me mpa so mpia mu, |
| 4 |
| meremma m’anisuatɛtɛ rentɔ nko, nso merenna |
| 5 |
| kɔsi sɛ mɛnya baabi mama AWURADE, tenabea bi ama Yakob tumfoɔ no ansa. |
| 6 |
| Hwɛ, yɛkɔtee no Efrata, yɛkɔhunuu no kwaeɛ asase so. |
| 7 |
| Momma yɛnkɔ ne tenabea, nkɔkoto ne nan ntiasoɔ anim ɛ. |
| 8 |
| AWURADE, sɔre kɔ wo home mu, wo ne wo tumi adaka no. |
| 9 |
| Ma w’asɔfoɔ nhyɛ tenenee, na ma w’ahotefoɔ nni ahurisie. |
| 10 |
| Ɛsiane w’akoa Dawid nti, nnane deɛ woasra no no ani. |
| 11 |
| AWURADE aka Dawid ntam nokorɛ mu a ɔnnane ani: Mede wo yafumma mu bi matena w’adwa so mama wo. |
| 12 |
| Sɛ wo mma di m’apam ne m’adanseɛ a mɛkyerɛkyerɛ wɔn no so a, wɔn mma nso bɛtena w’adwa so daa. |
| 13 |
| Na AWURADE ayi Sion, wapɛ hɔ de ayɛ ne tenabea. |
| 14 |
| Yei ne me homebea daapem, ɛha na mɛtena, na mepɛ ha. |
| 15 |
| Mede nhyira bɛhyira n’adidideɛ, mɛma n’ahiafoɔ aduane adi amee. |
| 16 |
| Na mede nkwagyeɛ bɛhyɛ n’asɔfoɔ, na n’ahotefoɔ bɛto ahurisie dwom. |
| 17 |
| Ɛhɔ na mɛma abɛn afiri ama Dawid, masiesie kanea mama deɛ masra no no. |
| 18 |
| Mɛhyɛ n’atamfo aniwuo, na ɔno deɛ, n’ahenkyɛ bɛhyerɛn n’atifi. |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twirevised/psalms/132.mp3
150
132