Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017
|
| 1 |
| Munyi AWURADE ayɛ. Munyi AWURADE din ayɛ, O! AWURADE nkoa, munyi no ayɛ, |
| 2 |
| mo a mugyina AWURADE fi, yɛn Nyankopɔn fi adiwo. |
| 3 |
| Munyi AWURADE ayɛ, na AWURADE ye, monto dwom mma ne din, na ɛyɛ fɛ. |
| 4 |
| Na AWURADE apaw Yakob afa, ɔde Israel ayɛ ne de. |
| 5 |
| Na me de, minim sɛ AWURADE so, na yɛn wura so sen anyame nyinaa. |
| 6 |
| Biribiara a AWURADE pɛ no, ɔyɛ, ɔsoro ne fam, ɛpo ne abun nyinaa mu. |
| 7 |
| Ɔma omununkum fi asase ano ba, ɔyɛ anyinam ma osutɔ, oyi mframa fi ne korabea. |
| 8 |
| Okum Misraim mmakan fi nnipa so kosii mmoa so. |
| 9 |
| Ɔmaa nsɛnkyerɛnne ne anwonwade baa wɔ, Misraim, mfinimfini, Farao ne ne nkoa nyinaa so. |
| 10 |
| Ɔbobɔɔ amanaman pii, na okum ahene atumfo: |
| 11 |
| Amorifo hene Sihon, ne Basan hene Og, ne Kanaan ahenni nyinaa, |
| 12 |
| na ɔde wɔn asase mae sɛ agyapade, ɔde yɛɛ ne man Israel agyapade. |
| 13 |
| O! AWURADE, wo din wɔ hɔ daa, O! AWURADE, wo nkae tena awo ntoatoaso nyinaa so. |
| 14 |
| Na AWURADE bebu ne man bem, na obehu ne nkoa mmɔbɔ. |
| 15 |
| Amanaman ahoni yɛ dwetɛ ne sika kɔkɔɔ, nnipa nsa ano nnwuma. |
| 16 |
| Wɔwɔ ano, na wɔnkasa, wɔwɔ aniwa, na wonhu ade, |
| 17 |
| wɔwɔ aso, na wɔnte asɛm, na ɔhome biara nni wɔn anom. |
| 18 |
| Wɔn a wɔyɛ wɔn, ne obiara a ɔde ne ho to wɔn so no, bɛyɛ sɛ wɔn ara. |
| 19 |
| Israel fifo, munhyira AWURADE, Aaron fifo, munhyira AWURADE. |
| 20 |
| Lewi fifo, munhyira AWURADE, mo a musuro AWURADE, munhyira no. |
| 21 |
| Womfi Sion nhyira AWURADE, mo a mote Yerusalem no, munyi AWURADE ayɛ. |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twidc/psalms/135.mp3
150
135