×

Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017

Nnwom 138

1
Mede me koma nyinaa mɛda wo ase O, AWURADE, mɛto wo dwom wɔ anyame no anim.
2
Mɛkotow makyerɛ w’asɔrefi kronkron no, na mada wo din ase, w’adɔe ne wo nokware so, sɛ woama w’asɛm aso atra wo din nyinaa.
3
Da a misu mefrɛe no, wugyee me so, wohyɛɛ me baninha ma me kra nyaa ahoɔden.
4
AWURADE, asase so ahene nyinaa bɛda wo ase, sɛ wɔate w’anom nsɛm.
5
Na wɔbɛto AWURADE akwan ho dwom, sɛ AWURADE anuonyam yɛ kɛse.
6
Na AWURADE wɔ ɔsorosoro, na ɔhwɛ ahobrɛasefo, na ahantanfo de, ohu wɔn wɔ akyirikyiri.
7
Menam ahohia mu a, woma me nkwa, woteɛ wo nsa, m’atamfo abufuw so, na wo nifa gye me.
8
AWURADE bewie di ama me, AWURADE, w’adɔe wɔ hɔ daa, wo nsa ano adwuma no, worennyaw no hɔ.
Twi DC Bible 2017
Revised Akuapem Twi DC Bible Bible Society of Ghana, 2017
:
Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw