×

Twi Revised Asante 2012

Nnwom 138

1
Mede m’akoma nyinaa bɛda wo ase, anyame no anim mɛto wo dwom.
2
Mɛkoto makyerɛ w’asɔrefie kronkron no, na mada wo din ase, w’adɔeɛ ne wo nokorɛ ho, sɛ woama w’asɛm aso atra wo din nyinaa.
3
Da a mesu mefrɛeɛ no, wogyee me so, wohyɛɛ me den maa me kra nyaa ahoɔden.
4
AWURADE, asase so ahemfo nyinaa bɛda wo ase, sɛ wɔate w’anomu nsɛm.
5
Na wɔbɛto AWURADE akwan ho dwom, sɛ AWURADE animuonyam yɛ kɛseɛ.
6
Na AWURADE wɔ sorosoro, na ɔhwɛ ahobrɛasefoɔ, na ahantanfoɔ deɛ, ɔhu wɔn wɔ akyirikyiri.
7
Menam ahohia mu a, woma me nkwa, wotene wo nsa m’atamfoɔ abufuo so, na wo nifa gye me.
8
AWURADE bɛwie di ama me, AWURADE, w’adɔeɛ wɔ hɔ daa, wo nsa ano adwuma no, worennya no hɔ.
Twi Revised Asante 2012
The Bible Society of Ghana, 2012
:
Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw