×

Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017

Nnwom 14

1
Ogyennyentwi se ne komam sɛ: Onyankopɔn bi nni hɔ. Wɔasɛe, wɔn nneyɛe ayɛ akyide, obi nni hɔ a ɔyɛ papa.
2
AWURADE fi soro hwɛ nnipa mma, sɛ obehu sɛ obi wɔ hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma, obi a ɔhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan.
3
Wɔn nyinaa aman, wɔn nyinaa aporɔw, obi nni hɔ a ɔyɛ papa, obiako po nni hɔ.
4
Enti omumɔyɛfo biara nni nimdeɛ, wɔn a wodi me man sɛnea wodi aduan, na wɔnsɔre AWURADE?
5
Ɛno na wɔn ho bɛpopo, kɛse pa ara efisɛ Onyankopɔn ka awo ntoatoaso a wɔyɛ atreneefo no ho.
6
Mobɛhwete ahiafo atirimpɔw mu ara de, nanso AWURADE ne wɔn guankɔbea.
7
Hena na ɔde Israel nkwagye befi Sion aba? Da a AWURADE de ne man nnommum bɛsan aba no, Yakob bedi ahurusi, na Israel ani agye.
Twi DC Bible 2017
Revised Akuapem Twi DC Bible Bible Society of Ghana, 2017
:
Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw