Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017
|
| 1 |
| O! Awurade, yi me fi nnipa bɔne nsam, bɔ me ho ban, onipa kokobirifo ho. |
| 2 |
| Wodwen bɔne wɔn komam, daa nyinaa wɔka ɔko. |
| 3 |
| Wɔsew wɔn tɛkrɛma ano sɛ awɔ, ahurutoa bɔre wɔ wɔn se ano. |
| 4 |
| O! Awurade, hwɛ me so fi ɔbɔnefo nsam, bɔ me ho ban, onipa kokobirifo ho, na wɔabɔ wɔn tirim pɔw sɛ wobebutuw m’anammɔn. |
| 5 |
| Ahantanfo de afiri ne nhama ato hɔ ama me, wɔasum me nsɛmma ɔkwankyɛn, wɔasum me apa. |
| 6 |
| Misee Awurade sɛ: Wone me Nyankopɔn, Awurade, yɛ aso ma me nkotɔsrɛ nne. |
| 7 |
| O! Awurade ne me nkwagye ahoɔden, wokataa me ti so ɔko da. |
| 8 |
| O! Awurade, mma ɔbɔnefo nea ɔpɛ, mma n’agyina no nnkɔ so, na wɔamma wɔn ho so. |
| 9 |
| Wɔn a wotwa me ho hyia de, ma wɔn anom mmusu mmua wɔn atifi. |
| 10 |
| Ma nsramma ngu wɔn so, ma wɔmfa wɔn ngu ogya mu, aku donkudonku mu a wɔrensɔre bio. |
| 11 |
| Mma ɔtɛkrɛmafo nntim asase so, ɔkokobirifo, ma bɔne ntiw no yerɛdɛdɛ. |
| 12 |
| Minim sɛ Awurade bedi mmɔboroni asɛm, obebu atɛn ama ahiafo. |
| 13 |
| Ampa, treneefo bɛda wo din ase, teefo bɛtena w’anim. |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twidc/psalms/140.mp3
150
140