Twi Revised Asante 2012
|
| 1 |
| AWURADE, yi me firi onipa bɔne nsam, bɔ me ho ban, ɔbarima ɔboɔdurufoɔ ho. |
| 2 |
| Wɔn na wɔdwene akoma mu bɔne, daa nyinaa wɔka ɔko. |
| 3 |
| Wɔse wɔn tɛkyerɛma ano sɛ ɔwɔ, ahuritia borɔ wɔ wɔn se ano. |
| 4 |
| AWURADE, hwɛ me so firi ɔbɔnefoɔ nsam, bɔ me ho ban ɔbarima ɔboɔdurufoɔ ho, na wɔabɔ wɔn tirim pɔ sɛ wɔbɛsum m’anammɔn atwene. |
| 5 |
| Ahantanfoɔ de fidie ne nhoma ato hɔ ama me, wɔasum me nsɛmma kwankyɛn, wɔasum me apa. |
| 6 |
| Mesee AWURADE sɛ: Wone me Nyankopɔn; AWURADE, yɛ aso ma me nkotosrɛ nne. |
| 7 |
| Ao, AWURADE, me Wura, me nkwagyeɛ ahoɔden, wokataa me tiri so wɔ ɔko da mu. |
| 8 |
| AWURADE, mma ɔbɔnefoɔ deɛ ɔpɛ, mma n’agyina no nnkɔ so, na wɔamma wɔn ho so. |
| 9 |
| Wɔn a wɔtwa me ho hyia no deɛ, ma wɔn anomu mmusuo mmua wɔn atifi. |
| 10 |
| Ma nsramma ngu wɔn so, ma wɔmfa wɔn ngu ogya mu, aku donkodonko mu a wɔrensɔre bio. |
| 11 |
| Mma ɔtɛkyerɛmafoɔ nntintim asase so, ɔboɔdurufoɔ, ma bɔne nti no yerɛdɛdɛ. |
| 12 |
| Menim sɛ AWURADE bɛdi ɔmanehunufoɔ asɛm, ɔbɛbu atɛn ama ahiafoɔ. |
| 13 |
| Ampa, teneneefoɔ bɛda wo din ase, teefoɔ bɛtena w’anim. |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twirevised/psalms/140.mp3
150
140