Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017
|
| 1 |
| O! AWURADE, misu mefrɛ wo, yɛ ntɛm ma me; sɛ misu mefrɛ wo a, yɛ aso ma me. |
| 2 |
| Ma me mpaebɔ mmesi w’anim sɛ ohuam, me nsa soma sɛ anwummere ayɛyɛde. |
| 3 |
| AWURADE, fa ɔwɛn bɛwɛn m’ano, na hwɛ m’anofafa pon ano. |
| 4 |
| Nkom me koma nkɔ asɛmmɔne ho, sɛ me ne nnipa amumɔyɛfo bedi nsɛmmɔne, na mma me kɔn nnɔ wɔn adɔkɔdɔkɔde. |
| 5 |
| Ma ɔtreneeni mmɔ me na ɔnka m’anim adɔe so, ɛyɛ me tiri so ngo a me ti rempo, na abɔnefo ngosra mpare me na me mpaebɔ ara na ɛda so hyia wɔn asɛmmɔne. |
| 6 |
| Wosum wɔn akannifo hwe ɔbotan so, na wɔte me nsɛm sɛ ɛyɛ dɛ. |
| 7 |
| Sɛnea obi dwiriw asase funtum so no, saa ara na wɔama yɛn nnompe apete asaman ano. |
| 8 |
| Na wo, AWURADE, so na m’ani da, wo na miguan metoa wo, ntow me kra nkyene. |
| 9 |
| Kora me fi apa a wɔasum me ne amumɔyɛfo mfiri ho. |
| 10 |
| Ma abɔnefo nhwe wɔn ankasa nsɛmma mu, na me de, ma mintwa ho menkɔ prɛko. |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twidc/psalms/141.mp3
150
141