×

Twi Revised Asante 2012

Nnwom 144

1
Nhyira ne AWURADE, me botan a ɔkyerɛkyerɛ me nsa ɔsa ne me nsateaa akodie.
2
M’adɔeɛ ne m’abankɛseɛ, m’abantenten ne me gyefoɔ, me kyɛm ne deɛ medwane mekɔtoa no a ɔbrɛ me man ase hyɛ m’aseɛ.
3
AWURADE, onipa ne hwan a wohu no, ɔdasani ba ne hwan a wodwene ne ho?
4
Onipa te sɛ ahuhuo, ne nna te sɛ sunsum a ɛretwam.
5
AWURADE, kuntunu wo soro, na si fam, keka mmepɔ, na ɛmfiri wisie.
6
Pa anyinam, na pansam wɔn, toto wo mmɛmma, na sɛe wɔn.
7
Tene wo nsa firi soro nohoa, hwam me, na yi me firi nsuo akɛseɛ mu, firi ananafoɔ mma nsam.
8
Wɔn na wɔn ano ka nsɛnhuhuo, na wɔn nifa yɛ atorɔ nifa.
9
Onyankopɔn, mɛto dwom foforɔ mama wo, mede sankuo a ɛso han du bɛto dwom mama wo,
10
sɛ wo na wode nkwagyeɛ ma ahemfo, na wogyee w’akoa Dawid firii afena a ɛnyɛ ano.
11
Gye me na yi me firi ananafoɔ mma a wɔn ano ka nsɛnhunu nsam. Wɔn na wɔn nifa yɛ atorɔ nifa.
12
Na yɛn mmabanin ayɛ sɛ tɛ nnua a anyini yie, wɔn mmeranteberɛ mu, na yɛn mmammaa ayɛ sɛ twea so adum a wɔasene no sɛ ahemfie deɛ.
13
Na yɛn asan ayɛ ma a wɔyi mu nnoɔma ahodoɔ nyinaa, na yɛn nnwan awo mpempem ayɛ mpem du du yɛn nsase so.
14
Na yɛn anantwie ho atua wɔn ho a ɔsɛeɛ ne ɔyera mma wɔn mu, na abooboo amma yɛn mmɔntene so.
15
Nhyira ne ɔman a wɔte sɛɛ, nhyira ne ɔman a AWURADE ne wɔn Nyankopɔn.
Twi Revised Asante 2012
The Bible Society of Ghana, 2012
:
Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw