Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017
|
| 1 |
| O! AWURADE, hena na ɔbɛsoɛ wo ntamadan mu? Hena na ɔbɛtena wo bepɔw kronkron no so? |
| 2 |
| Nea ɔnantew pɛpɛɛpɛ, na odi asɛntrenee, na ɔka ne komam nokware. |
| 3 |
| Ɔmfa ne tɛkrɛma nni nseku, na ɔnyɛ ne yɔnko bɔne, na ɔmmɔ ne mfɛfo ahohora. |
| 4 |
| N’ankasa n’ani so obu onipa huhuw animtiaa, na odi wɔn a wosuro AWURADE no ni, ɔka amanenya ntam a, ɔnsakra. |
| 5 |
| Ɔmfa ne sika mma nnye mfɛntom, na onnye nea odi bem hɔ adammude. Nea ɔyɛ eyinom no, ɔrenhinhim ara da. |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twidc/psalms/015.mp3
150
15