×

Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017

Nnwom 150

1
Munyi AWURADE ayɛ! Munyi Nyankopɔn ayɛ, ne kronkronbea, munyi no ayɛ, ne tumi mu wɔ soro.
2
Munyi no ayɛ, ne mmaninyɛ mu, munyi no ayɛ sɛ ne kɛse a ɛso no te.
3
Munyi no ayɛ ntorobɛnto nne so, munyi no ayɛ bɛnta sanku ne sankuten so.
4
Munyi no ayɛ mpintin ne asaw so, munyi no ayɛ asankuhan ne atɛntɛbɛn so.
5
Munyi no ayɛ nsammɔ nnawuru a ɛnne so so, munyi no ayɛ nnawuta a egyigye dennen so.
6
Momma nea ɛhome nyinaa nyi AWURADE ayɛ. Munyi AWURADE ayɛ!
Twi DC Bible 2017
Revised Akuapem Twi DC Bible Bible Society of Ghana, 2017
:
Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw