Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017
|
| 1 |
| Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam, na ewim kyerɛ ne nsa ano adwuma. |
| 2 |
| Da koro biara woro kyerɛ, na anadwo biara da nimdeɛ adi. |
| 3 |
| Ɛnyɛ ɔkasa, na ɛnyɛ nsɛm a wɔnte, |
| 4 |
| Ɔsoro susuhama du, asase nyinaa so na ne nsɛm du wiase ano; wasi ntamadan ama owia ɔsoro hɔ. |
| 5 |
| Na ofi adi sɛ ayeforokunu a ofi ne pia mu, ɛde ahosɛpɛw tu mmirika sɛ ɔbran. |
| 6 |
| N’adifi wɔ ɔsoro ano, na ne kyini kodu ano hɔ, na biribiara nkora ne ho mfi ne hyew ano. |
| 7 |
| AWURADE mmara yɛ pɛ, edwudwo ɔkra. AWURADE adanse atim, ɛma awiɛmfo hu nyansa. |
| 8 |
| AWURADE ahyɛde teɛ, ɛma koma tɔ yam, AWURADE mmarahyɛ ho tew, na ɛtew ani. |
| 9 |
| AWURADE suro yɛ kronkron, egyina hɔ daa. AWURADE atemmude yɛ nokware, ne nyinaa teɛ. |
| 10 |
| Ɛyɛ akɔnnɔ sen sika ne amapa pii, na ɛyɛ fremfrem sen ɛwo ne ahwerew mu nsu. |
| 11 |
| Wɔnam so bɔ w'akoa kɔkɔ, ɛsodi mu wɔ akatua pii. |
| 12 |
| Hena na ohu n’ankasa ne mfomso mu? Me bɔne a ahintaw me, fa kyɛ me. |
| 13 |
| Nso bɔ w’akoa ho ban wɔ bɔne ho, na anhyɛ me so. Ɛno na medi bem, na me ho afi amumɔyɛ kɛse ho. |
| 14 |
| Ma m’anom nsɛm nyɛ wo fɛ, na me komam nkɔmmɔ nsɔ w’ani, AWURADE, me botan ne me gyefo. |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twidc/psalms/019.mp3
150
19