Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017
|
| 1 |
| Adɛn nti na amanaman yɛ gyegyeegye, na aman susuw ade hunu yi? |
| 2 |
| Asase so ahemfo tu agyina, na aman sodifo bom tu agyina tia AWURADE ne nea wasra no no sɛ, |
| 3 |
| Momma yemmubu wɔn mpokyerɛ, na yɛntow wɔn hama mfi yɛn ho ngu. |
| 4 |
| Nea ɔte soro no serew, AWURADE di wɔn ho fɛw. |
| 5 |
| Ɛno na ɔbɛkasa akyerɛ wɔn, n’abufuw mu, na ɔde n’abufuhyew beyi wɔn hu aka sɛ; |
| 6 |
| Me AWURADE na masi me hene, me bepɔw kronkron Sion so. |
| 7 |
| Na mɛka no nea AWURADE ahyɛ no, AWURADE ase me sɛ: Meba ne wo, ɛnnɛ na mawo wo. |
| 8 |
| Bisa me na mede amanaman mɛyɛ w’apɛgyade, na mama woafa asase ano noho adi so. |
| 9 |
| Wode dade poma bebubu wɔn, na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwemfo ahina. |
| 10 |
| Na afei, ahene, munhu nyansa. Asase so atemmufo, muntie afotu. |
| 11 |
| Monsom AWURADE, osuro mu, na munni ahurusi ahopopo mu. |
| 12 |
| Momfa nidi mapa mma no, na ne bo amfuw, na moanyera ɔkwan mu; na aka kakra na n’abufuw adɛw. Nhyira ne wɔn a woguan toa no nyinaa. |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twidc/psalms/002.mp3
150
2