Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017
|
| 1 |
| AWURADE ntie wo hiada, Yakob Nyankopɔn din mmɔ wo ho ban, |
| 2 |
| omfi kronkron mu hɔ mmɛboa wo, na omfi Bepɔw Sion mmɛhyɛ wo den. |
| 3 |
| Ɔnkae w’aduan afɔre nyinaa, na wo hyew afɔre nsɔ n’ani. |
| 4 |
| Ɔmma wo nea wo koma pɛ, na ɔmma wo tirim asɛm nyinaa mmra mu. |
| 5 |
| Ma yɛmmɔ ose wɔ wo nkonimdi ho, na yɛn Nyankopɔn din mu na yehim yɛn frankaa. AWURADE mma nea wosrɛ nyinaa mmram. |
| 6 |
| Afei mahu sɛ AWURADE boa nea wasra no no, ogye no so, ne soro kronkronbea hɔ, ɔde ne nifa ahoɔdenne gye no. |
| 7 |
| Ebinom kamfo nteaseɛnam, na ebinom kamfo apɔnkɔ, na yɛn de, yɛkamfo AWURADE yɛn Nyankopɔn din. |
| 8 |
| Wɔn de, wobubu duedue so hwehwe ase, na yɛn de, yɛasɔre gyina hɔ kyerebenn. |
| 9 |
| AWURADE, gye ɔhene nkwa. Obetie yɛn, da a yɛfrɛ no yi ara mu. |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twidc/psalms/020.mp3
150
20