Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017
|
| 1 |
| Ao, AWURADE, ɔhene ani gye w’ahoɔden mu, na wo nkwagye nti hwɛ sɛnea ne ho sɛpɛw no fa. |
| 2 |
| Nea ne koma pɛ na wode ama no, na nea n’ano bisae no, woankame no. |
| 3 |
| Na wode papa mu nhyira hyia no, wode sika kɔkɔɔ abɔ no abotiri. |
| 4 |
| Obisaa wo hɔ nkwa, wode ama no, nna a ɛware daa daa. |
| 5 |
| N’anuonyam so wo nkwagye nti, kɛseyɛ ne nidi na wode ama no. |
| 6 |
| Yiw wode no asi hɔ sɛ nhyira nko ara daa, wode w’anim anigye ama ne ho asɛpɛw no. |
| 7 |
| Efisɛ ɔhene ani da AWURADE so, na nea ɔwɔ sorosoro adɔe nti ɔrenhinhim. |
| 8 |
| Wo nsa nifa bɛka w’atamfo nyinaa, wo nifa benya wɔn a wokyi wo. |
| 9 |
| Wubeyi wo ho adi ayɛ wɔn sɛ ogya fononoo, AWURADE de n’abufuw bɛmene wɔn, na ogya ahyew wɔn. |
| 10 |
| Wobɛsɛe wɔn aba afi asase so, ne wɔn asefo afi nnipa mma mu. |
| 11 |
| Sɛ wɔbɔ wo ho pɔw bɔne na wosusuw bɔne bi ho a, wɔrentumi nyɛ. |
| 12 |
| Na wobɛma wɔasan wɔn akyi, wode wo bɛmma bɛkyerɛ wɔn anim. |
| 13 |
| AWURADE, ma wo ho so w’ahoɔden mu, yɛde dwonto ne sanku bɛkamfo wo mmaninne. |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twidc/psalms/021.mp3
150
21