Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017
|
| 1 |
| AWURADE ne me hann ne me nkwagye, hena na minsuro no? AWURADE ne me nkwa ahoɔden, hena anim na me ho mpopo? |
| 2 |
| Nnipa bɔne a wɔhyɛ me so na wɔtan me, sɛ wɔretoa me abɛsunsuane me a, wɔawatiwatiriw na wɔahwehwe ase. |
| 3 |
| Sɛ dɔm bɔ me ho nsra a, me koma rentu; sɛ wotu me so sa a, ɛno mu po na me ho tɔ me. |
| 4 |
| Ade biako na masrɛ AWURADE, ɛno na mɛhwehwɛ akyi kwan, sɛ me nna a midi nyinaa mɛtena AWURADE fi, na mahwɛ AWURADE animtew, na madwen me tirim, n’asɔrefi. |
| 5 |
| Na ɔkora me ne sese mu hiada, ɔde me hintaw ne ntamadan ahintawee, ɔma me so gyina ɔbotan so. |
| 6 |
| Na afei ɔbɛma me ti so, m’atamfo a wɔatwa me ho ahyia no so, na mabɔ ne ntamadan mu ayeyi afɔre, na mato AWURADE sanku dwom. |
| 7 |
| AWURADE, tie me sufrɛ; hu me mmɔbɔ, na gye me so. |
| 8 |
| Woaka sɛ: Monhwehwɛ m’anim nti, me koma se wo sɛ: AWURADE, w’anim na merehwehwɛ. |
| 9 |
| Nyi w’ani nhintaw me, mfa abufuw mpam w’akoa. Me boafo ne wo, ntow me nkyene, na nnyaw me, me nkwagye Nyankopɔn. |
| 10 |
| Na m’agya ne me na agyaw me, na AWURADE de, ogye me. |
| 11 |
| AWURADE, kyerɛ me wo kwan, na fa me fa ɔtempɔn tamaa so, m’atɛwfo nti. |
| 12 |
| Nnan me mma sɛ m’atamfo pɛ, na adansekurumfo asɔre ahyɛ me, ne wɔn a wɔpuw anuɔdensɛm. |
| 13 |
| Migye midi sɛ mehu AWURADE ayamye, ateasefo asase so. |
| 14 |
| Ma w’ani nna AWURADE so, hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru, Yiw, ma w’ani nna AWURADE so. |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twidc/psalms/027.mp3
150
27