Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017
|
| 1 |
| AWURADE, ntwiw m’anim w’abufuw mu, na ntwe m’aso w’anibere mu; |
| 2 |
| na w’agyan awowɔ me, na wo nsa aduru me so. |
| 3 |
| W’abohuru nti ahoɔden bi nni me honam mu, me bɔne nti akwahosan bi nni me nnompe mu; |
| 4 |
| na me mfomso aboro me ti so, ɛden me so sɛ adesoa duruduru. |
| 5 |
| M’akuru bɔn, na aporɔw m’agyimisɛm nti. |
| 6 |
| Mapompono, na mapua koraa, da mu nyinaa mede awerɛhow menam foofoo. |
| 7 |
| Na ahyehyekuru ayɛ m’asen mu ma, na ahoɔden bi nni me honam mu; |
| 8 |
| mahodwow, na mabubu pasaa, me koma apinisi nti misu dennen. |
| 9 |
| AWURADE, nea mepɛ nyinaa da w’anim, na me pene nhintaw wo. |
| 10 |
| Me koma pere katirikatiri, m’ahoɔden atu, na m’aniwa hann po nni me ho bio. |
| 11 |
| M’adɔfo ne me nnamfo afi me haw no ho akogyina nsrɛnso, na m’abusuafo gyinagyina akyirikyiri. |
| 12 |
| Na wɔn a wɔhwehwɛ me kra no asum me afiri, na wɔn a wɔpɛ me bɔne no ka me sɛe ho asɛm, na wodwen nnaadaasɛm da mu nyinaa. |
| 13 |
| Na me de, mete sɛ ositifo a ɔnte asɛm, na mete sɛ mum a ommue n’ano. |
| 14 |
| Na mayɛ sɛ onipa a ɔnte asɛm na n’anom nni ntuatuaano. |
| 15 |
| Na wo, AWURADE, na m’ani da wo so, AWURADE, me Nyankopɔn, wubebua. |
| 16 |
| Na mise: Mma wɔn ani nnnye me ho, na sɛ me nan watiriw a, wɔanhoahoa wɔn ho wɔ me so. |
| 17 |
| Na mereyɛ mahwe ase, na me yaw wɔ m’anim daa. |
| 18 |
| Na meka me mfomso, me bɔne nti me werɛ ahow. |
| 19 |
| Na m’atamfo ho yɛ wɛwɛwɛ, wɔn ho yɛ den, na wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso. |
| 20 |
| Na wɔde bɔne tua papa so ka, papa a midi akyiri nti wɔpɛ me ho asɛm. |
| 21 |
| AWURADE, nnyaw me, me Nyankopɔn, mma wo ne me ntam nnware. |
| 22 |
| Yɛ ntɛm bɛboa me, AWURADE, m’agyenkwa! |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twidc/psalms/038.mp3
150
38