Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017
|
| 1 |
| Mekae sɛ: Mɛhwɛ m’akwan yiye, na mamfa me tɛkrɛma manyɛ bɔne. Mede nnareka meso m’ano, sɛ ɔbɔnefo wɔ m’anim yi. |
| 2 |
| Medan mum meyɛɛ komm, mimuaa m’ano, papa ho, nanso me yaw mu yɛɛ den. |
| 3 |
| Me koma yɛɛ hyerehyere wɔ me mu, meredwennwen no, na ogya no dɛwee, na mede me tɛkrɛma mekasae. |
| 4 |
| AWURADE, ma minhu m’awiei ne me nna kakra a wɔasusuw no, ma minhu me kyɛ a mammɛkyɛ. |
| 5 |
| Hwɛ, woayɛ me nna nsama pɛ, na me mfe nyɛ hwee, w’anim. Ampa ara, onipa asi so sɛ dɛn ara a, na ɔyɛ ohuruhuro ara kwa. |
| 6 |
| Ampa ara, onipa nam sɛ sunsuma kwa. Ampa ara, wɔhaw wɔn ho ohuruhuro ho; wɔhyɛ da so, na wonnim nea ɔbɛboa ano. |
| 7 |
| Na afei, AWURADE, dɛn na metwɛn? Wo so na m’ani da. |
| 8 |
| Gye me fi me mmarato nyinaa mu, mfa me mma, na ɔkwasea mmmɔ me ahohora. |
| 9 |
| Matɔ mum, mimmue m’ano, efisɛ wo na woayɛ. |
| 10 |
| Yi wo haw fi me so. Wo nsa ano hwe rehyew me. |
| 11 |
| Sɛ wode amumɔyɛ ho animka twe onipa aso a, woma n’ahoɔfɛ hyew sɛ nwewee yɛ. Ampa ara, nnipa nyinaa yɛ ohuruhuro. |
| 12 |
| AWURADE, tie me mpaebɔ, na yɛ aso tie me sufrɛ. Mmua w’ano me nusu ho, na meyɛ wo hɔho, meyɛ ɔmamfrani sɛ m’agyanom nyinaa. |
| 13 |
| Yi w’ani fi me so, na mentew m’anim, ansa na mafi ha, na wɔanhu me bio. |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twidc/psalms/039.mp3
150
39