Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017
|
| 1 |
| Sɛ ɔforote pere hwehwɛ nsuwa no, sɛ me kra pere hwehwɛ wo, Nyankopɔn, ne no. |
| 2 |
| Onyankopɔn, nkwa Nyankopɔn ho kɔm de me kra. Da bɛn na mɛba mabefi Nyankopɔn anim? |
| 3 |
| Me nusu ayɛ me aduan awia ne anadwo, sɛ wose me daa sɛ: Wo Nyankopɔn wɔ he? |
| 4 |
| Mekae eyinom, na mihwie me kra wɔ me mu, sɛnea me ne asafokuw nantew kɔɔ Onyankopɔn fi, na me ne nkurɔfo a wɔnam yuu hyɛ fa no de ayeyi ne aseda nnwom kɔe no. |
| 5 |
| Me kra, adɛn na woabotow sɛɛ, na wusi me mu apini? Fa w’ani to Nyankopɔn so, na mɛda so mayi no ayɛ, sɛ ɔyɛ m’anim boafo ne me Nyankopɔn. |
| 6 |
| Me kra abotow wɔ me mu, enti mekae wo, Yordan ne Hermon mmepɔw asase so, Misar bepɔw so. |
| 7 |
| Ebun frɛ ebun, wo nsu a ɛworo gugu no gyegyeegye no mu, w’asorɔkye ne w’aworo nyinaa abu afa me so. |
| 8 |
| Adekyee, AWURADE beyi n’adɔe adi, na anadwo mato no dwom mabɔ mpae ama me nkwa Nyankopɔn. |
| 9 |
| Mɛka makyerɛ Onyankopɔn, me botan no, sɛ: Adɛn nti na wo werɛ afi me? Adɛn nti na ɔtamfo hyɛ a ɔhyɛ me so nti memfa awerɛhow mennantew? |
| 10 |
| Ahohora a m’ahohiafo bɔ me no yɛ me sɛ me nnompe redwerɛw, sɛ daa wose me sɛ: Wo Nyankopɔn wɔ he? |
| 11 |
| Me kra, adɛn na woabotow sɛɛ, na wusi me mu apini? Fa w’ani to Nyankopɔn so, na mɛda so mayi no ayɛ, sɛ ɔyɛ m’anim boafo ne me Nyankopɔn. |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twidc/psalms/042.mp3
150
42