Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017
|
| 1 |
| Onyankopɔn, woasum yɛn agu, woabɔ yɛn apansam, wo bo afuw; ma yɛn ho mmra yɛn ho bio. |
| 2 |
| Woama asase awosow, woapae mu, fa n’asinasin sisi anim, na ehinhim. |
| 3 |
| Woama wo man ahu nea ɛyɛ den, woama yɛanom ntintan nsa. |
| 4 |
| Wode frankaa ama w’afɛrefo sɛ wɔmfa mma wɔn ho so, nokware nti. |
| 5 |
| Nea ɛbɛyɛ na wɔagye w’adɔfo nti fa wo nifa gye yɛn nkwa, na gye yɛn so. |
| 6 |
| Onyankopɔn akasa n’ahotew mu: Medi ahurusi, mɛkyɛ Sekem mu, na masusuw Sukot bon. |
| 7 |
| Gilead wɔ me, na Manase wɔ me, na Efraim yɛ me ti so dadekyɛw, Yuda yɛ m’ahempoma |
| 8 |
| Moab yɛ me guasɛn, Edom so na mɛtow me mpaboa magu, me nti Filistifo asase teɛteɛm. |
| 9 |
| Hena na ɔde me bɛkɔ kurow dennen no mu, hena na obegya me akɔ Edom? |
| 10 |
| Ɛnyɛ wo, Nyankopɔn, na woasum yɛn agu yi, na wo, Nyankopɔn, ne yɛn dɔm ankɔ? |
| 11 |
| Bɛboa yɛn ahohia mu, na onipa gye nyɛ ogye bi. |
| 12 |
| Yɛde Nyankopɔn na ɛbɛyɛ mmaninne, na ɔno na obetiatia yɛn ahohiafo so. |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twidc/psalms/060.mp3
150
60