Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017
|
| 1 |
| Onyankopɔn, tie me sufrɛ, yɛ aso ma me mpaebɔ. |
| 2 |
| Mifi asase ano misu mefrɛ wo, me koma ahometew mu, wode me bɛkɔ ɔbotan a ɛware sen me so. |
| 3 |
| Na wo na woayɛ me guankɔbea, abantenten a ɛyɛ den, ɔtamfo anim. |
| 4 |
| Mɛtena wo ntamadan mu daa, mɛhyɛ wo ntaban a ɛkata me so no ase. |
| 5 |
| Na wo, Nyankopɔn, woate me bɔhyɛ, wode wɔn a wosuro wo din agyapade ama me. |
| 6 |
| Wobɛto ɔhene nna so, na ne mfe akodu awo ntoatoaso a edidi so so. |
| 7 |
| Ɔbɛtena Onyankopɔn anim daa, fa adɔe ne nokware hwɛ no so. |
| 8 |
| Ɛno na mɛto dwom pa mama wo din daa, na mama m’aboade daa daa. |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twidc/psalms/061.mp3
150
61