×

Twi Revised Asante 2012

Nnwom 61

1
Onyankopɔn, tie me sufrɛ, yɛ aso ma me mpaebɔ.
2
Mefiri asase ano mesu mefrɛ wo m’akoma ahometeɛ mu, wode me bɛkɔ ɔbotan a ɛware sene me so.
3
Na wo na woayɛ me dwanekɔhyɛbea, abantenten a ɛyɛ den, ɔtamfoɔ anim.
4
Mɛtena wo ntomadan mu daa, mɛhyɛ wo ntaban a ɛkata me soɔ no ase.
5
Na wo, Onyankopɔn, woate me bɔhyɛ, wode wɔn a wɔsuro wo din agyapadeɛ ama me.
6
Wobɛto ɔhene nna so, na ne mfeɛ akɔduru awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ so.
7
Ɔbɛtena Nyankopɔn anim daa, fa adɔeɛ ne nokorɛ hwɛ no so.
8
Ɛno na mɛto dwom pa mama wo din daa, na mama m’aboadeɛ daa daa.
Twi Revised Asante 2012
The Bible Society of Ghana, 2012
:
Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw