Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017
|
| 1 |
| Asase nyinaa, munni ahurusi mmɔ ose mma Onyankopɔn, |
| 2 |
| monto dwom mma ne din anuonyam, monhyɛ no anuonyam nyi no ayɛ. |
| 3 |
| Munse Onyankopɔn sɛ: Wo nnwuma yɛ hu ampa. Wo tumi kɛse nti w’atamfo bɛkotow wo. |
| 4 |
| Asase nyinaa bɛsɔre wo, na wɔato wo dwom, wɔbɛto dwom ama wo din. |
| 5 |
| Mommra mmɛhwɛ Onyankopɔn nneyɛe, n’ade a ɔyɛ de di nnipa mma so yɛ hu. |
| 6 |
| Ɔmaa ɛpo dan asase kesee, wɔde anammɔn twaa asu kɛse, ɛno nti yɛn ani gye ne ho. |
| 7 |
| Nea ɔde ne tumi di hene daa no, ɔwɔ amanaman ho ani. Mma mansotwefo mmma wɔn ho so. |
| 8 |
| Aman, munhyira yɛn Nyankopɔn, na momma wɔnte n’ayeyi yiye. |
| 9 |
| Ɔde yɛn kra asi nkwa mu, na wamma yɛn nan anwatiri. |
| 10 |
| Na wo Nyankopɔn, na woakari yɛn ahwɛ, woanan yɛn ahwɛ sɛ wɔnan dwetɛ hwɛ mu. |
| 11 |
| Wode yɛn ahyɛ asawu mu, wode adesoa pemee asoa yɛn. |
| 12 |
| Woama ɔdesani anantew yɛn ti so, yɛafa ogya ne nsu mu, nanso woayi yɛn aba nea nnepa abu so hɔ. |
| 13 |
| Mede ɔhyew afɔre mɛkɔ wo fi, mɛma wo m’aboade, |
| 14 |
| nea mede mibuee m’ano, ne nea m’ano kae m’ahohia mu no. |
| 15 |
| Mede nguan a wɔadɔ ne adwennini a ɛyɛ huam mɛbɔ wo ɔhyew afɔre, mede anantwi ne mpapo mɛbɔ afɔre. |
| 16 |
| Mo a musuro Onyankopɔn nyinaa, mommra mmetie, na mɛka nea wayɛ ama me kra. |
| 17 |
| Mede m’ano misu mefrɛɛ no, na mede me tɛkrɛma miyii no ayɛ. |
| 18 |
| Sɛ midi ahuhude akyi me komam a, anka AWURADE rentie me. |
| 19 |
| Ampa ne ampa, Onyankopɔn atie me, wayɛ aso atie me mpaebɔ. |
| 20 |
| Nhyira ne Nyankopɔn a wannan me mpaebɔ ani, na wanyi n’adɔe amfi me so. |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twidc/psalms/066.mp3
150
66