×

Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017

Nnwom 70

1
Onyankopɔn, begye me, AWURADE, yɛ ntɛm bɛboa me.
2
Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra ani nwu, na wɔn anim ngu ase, ma wɔn a wɔpɛ me bɔne nsan wɔn akyi na wɔnnan ahohorafo.
3
Wɔn a wose, “Wiɛ, wiɛ” no, ma wɔmfa aniwu nsan wɔn akyi.
4
Ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa nni ahurusi, na wɔn ani nnye wo ho, na ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagye no nka daa sɛ: Ma wɔnkamfo AWURADE kɛseyɛ.
5
Na me de, meyɛ mmɔbɔ, na meyɛ ohiani. Onyankopɔn, yɛ ntɛm ma me. Wone me boafo ne me gyefo, AWURADE, ntwentwɛn wo nan ase.
Twi DC Bible 2017
Revised Akuapem Twi DC Bible Bible Society of Ghana, 2017
:
Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw