×

Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017

Nnwom 75

1
Onyankopɔn, yɛda wo ase da wo ase, na wo din abɛn: Wɔka w’anwonwade kyerɛ.
2
Mɛba bere a ɛsɛ mu, na me ara mabebu atɛntrenee.
3
Asase ne wɔn a wɔte so nyinaa mu hodwo a, me na mede mu adum misisi hɔ.
4
Mise ahupoofo sɛ: Monnyɛ ahupoo. Na mise abɔnefo sɛ: Mommma mo abɛn so.
5
Mommma mo abɛn so nnkɔ soro, monnto bamkɔn nnkasa.
6
Na emfi Apuei na emfi Atɔe, nanso emfi mmepɔw sare so,
7
na mmom Onyankopɔn na obu atɛn, ɔbɛbrɛ oyi ase, na wama oyi so.
8
Na kuruwa bi wɔ AWURADE nsam, na emu bobesa ani fi ahuru, mfrasa ayɛ mu ma, na ohwie bi; ampa ara, ase puw po, asase so abɔnefo nyinaa befifew anom.
9
Na me de, mɛka ɛho asɛm daa, mɛto Yakob Nyankopɔn ayeyi dwom,
10
na abɔnefo mmɛn nyinaa, mebubu, treneefo mmɛn na wɔbɛma so.
Twi DC Bible 2017
Revised Akuapem Twi DC Bible Bible Society of Ghana, 2017
:
Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw