|
| 1 |
|
| Me man, monyɛ aso mma me mmara, monwɛn mo aso mma m’anom nsɛm. |
|
| 2 |
|
| Mebue m’ano mmebu mu, meyi atetesɛm adi sɛ akasabebui. |
|
| 3 |
|
| Nea yɛate na wɔama yɛahu na yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn no, |
|
| 4 |
|
| yɛremfa nhintaw wɔn mma, yɛreka nkyirimma AWURADE ayeyisɛm, ne ne tumidi, ne n’anwonwade a wayɛ no. |
|
| 5 |
|
| Ɔde adanse tintimii, Yakob mu, na ɔhyɛɛ mmara, Israel mu, ɛno na ɔde hyɛɛ yɛn agyanom sɛ wɔmma wɔn mma nhu, |
|
| 6 |
|
| na nkyirimma, mma a wɔbɛwo wɔn no, ahu, na wosi so a, wɔaka akyerɛ wɔn mma, |
|
| 7 |
|
| sɛ wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn so, na wɔn werɛ mmfi Nyankopɔn nneyɛe, na wonni ne mmara nsɛm so. |
|
| 8 |
|
| Na wɔanyɛ sɛ wɔn agyanom, mma asoɔdenfo ne atuatewfo, mma a wɔmfa wɔn koma nsi tee, na wɔn honhom nni Nyankopɔn nokware. |
|
| 9 |
|
| Efraim mmabanin, takurafo, bɛmmatofo, wɔdan wɔn ani koda. |
|
| 10 |
|
| Wɔanni Nyankopɔn apam so, na ne mmara nso, wɔampɛ sɛ wɔnantew mu. |
|
| 11 |
|
| Na wɔn werɛ fii ne nneyɛe ne n’anwonwade a ɔde kyerɛɛ wɔn no. |
|
| 12 |
|
| Ɔyɛɛ anwonwade wɔn agyanom anim, Misraim asase so, Soan petee mu. |
|
| 13 |
|
| Ɔpaee po mu de wɔn twaa mu, na ɔmaa nsu no gyinae sɛ kuw. |
|
| 14 |
|
| Ɔde mununkum gyaa wɔn awia, na anadwo nyinaa ɔde gya kanea nso gyaa wɔn. |
|
| 15 |
|
| Ɔpaee abotan mu sare so, na ɔma wɔnomee sɛ asukɛse. |
|
| 16 |
|
| Ɔmaa mmasu fii ɔbotan mu bae, na ɔmaa nsu senee sɛ asuten. |
|
| 17 |
|
| Na wɔkɔɔ so ara yɛɛ no bɔne, tew ɔsorosoroni no anim atua sare so. |
|
| 18 |
|
| Na wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe wɔn komam, bisaa no aduan sɛnea wɔn kɔn dɔe, |
|
| 19 |
|
| na wɔkasa hyɛɛ Onyankopɔn sɛ: So Onyankopɔn betumi atow ɔpon sare so? |
|
| 20 |
|
| Hwɛ, ɔbɔɔ ɔbotan ma nsu tuei, na asubɔnten senee; so abodoo nso, obetumi ama, na wapɛ nam ama ne man? |
|
| 21 |
|
| Enti AWURADE tee no, ne bo fuwii, na ogya sɔe Yakob mu, na abufuw nso sɔre hyɛɛ Israel, |
|
| 22 |
|
| efisɛ wɔannye Onyankopɔn anni, na wɔamfa wɔn ho anto ne nkwagye so. |
|
| 23 |
|
| Nanso ɔhyɛɛ wim tɔnn ɔsoro, na ohiɛɛ ɔsoro apon, |
|
| 24 |
|
| na ɔtɔɔ mana guu wɔn so sɛ wonni, na ɔde soro aduan maa wɔn. |
|
| 25 |
|
| Atumfo aduan na onipa dii, ɔmaa wɔn aduan di mee. |
|
| 26 |
|
| Ɔmaa Apuei mframa bɔe ɔsoro, na ɔde ne tumi twee nifa mframa bae, |
|
| 27 |
|
| na ɔtɔɔ nam guu wɔn so sɛ mfutuma, ne ntakraboa sɛ mpoano anwea. |
|
| 28 |
|
| Na ɔma wɔtotɔɔ wɔn nsram de twaa wɔn tenabea ho hyiae. |
|
| 29 |
|
| Na wodi mee boroo so, efisɛ ɔmaa wɔn, wɔn akɔnnɔde. |
|
| 30 |
|
| Wonnya nnyaee wɔn akɔnnɔ no ɛ, wɔn aduan da so wɔ wɔn anom no, |
|
| 31 |
|
| Onyankopɔn abufuw sɔre hyɛɛ wɔn, na okunkum wɔn mu abran no mu bi, ɔde Israel mmerante hwehwee fam. |
|
| 32 |
|
| Eyi nyinaa mu na wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne, na wɔannye n’anwonwade no anni. |
|
| 33 |
|
| Enti ɔmaa wɔn nna yerae sɛ ahuro, ne wɔn mfe ehu mu. |
|
| 34 |
|
| Ɔrekum wɔn no, na wɔhwehwɛɛ no, na wɔsan bɛpɛɛ Onyankopɔn akyi kwan ntɛm, |
|
| 35 |
|
| na wɔkaee sɛ Onyankopɔn ne wɔn botan, na ɔsorosoro Nyankopɔn ne wɔn gyefo. |
|
| 36 |
|
| Wɔde wɔn ano dɛfɛdɛfɛɛ no, na wɔde wɔn tɛkrɛma dii atoro kyerɛɛ no, |
|
| 37 |
|
| na wɔn koma de, ɛmmata ne ho, na wɔanni n’apam mu nokware. |
|
| 38 |
|
| Na ɔno de, ɔyɛ timmɔbɔ nti, ɔkataa wɔn amumɔyɛ so, na wansɛe wɔn; na ɔtaa sianka n’abufuw, na wanhwanyan n’awerɛhow nyinaa. |
|
| 39 |
|
| Na ɔkaee sɛ wɔyɛ ɔhonam, mframa a ɛkɔ na ɛnsan n’akyi bio. |
|
| 40 |
|
| Mpɛn ahe ara na wɔantew n’anim atua sare so, na wɔanhow ne werɛ nkyerekyerewa so! |
|
| 41 |
|
| Na wɔsan sɔɔ Onyankopɔn hwɛe, na woyii Israel kronkronni no ahii. |
|
| 42 |
|
| Wɔankae ne nsa, da a oyii wɔn fii ɔhohiafo nsam, |
|
| 43 |
|
| na ɔyɛɛ ne nsɛnkyerɛnne Misraim ne n’anwonwade, Soan petee mu no. |
|
| 44 |
|
| Ɔdan wɔn nsubɔnten mogya, na wɔantumi annom wɔn nsuwansuwa. |
|
| 45 |
|
| Ɔsomaa atɛn beguu wɔn so ma wɔbɛwee wɔn, ne mponkyerɛn ma wɔbɛsɛee wɔn. |
|
| 46 |
|
| Ɔde wɔn nnɔbae maa mmɛbɛw, na ɔde wɔn adwumade maa mmoadabi. |
|
| 47 |
|
| Ɔde amparuwbo sɛee wɔn bobe, na ɔde asukɔtwea bɔɔ wɔn ankye nnua, |
|
| 48 |
|
| na oyii wɔn afieboa maa amparuwbo, ne wɔn mmoakuw maa asraman. |
|
| 49 |
|
| Ɔtow n’abufuw hyewhyew no guu wɔn so; anibere, ahi ne ahohia, abɔfo bɔne a ɔsomaa wɔn baa wɔn so no. |
|
| 50 |
|
| Ɔbɔɔ ɔkwan maa n’abufuw, wankora wɔn kra amfi owu mu, na oyii wɔn nkwa maa owuyare. |
|
| 51 |
|
| Na okum Misraim mmakan nyinaa, wɔn ahoɔden asefi, Ham ntamadan mu. |
|
| 52 |
|
| Na ogyaa ne man sɛ nguan, na ɔkaa wɔn sɛ mmoakuw, sare so, |
|
| 53 |
|
| na ogyaa wɔn dwoodwoo kɔe na wɔansuro, na wɔn atamfo de, ɛpo no kataa wɔn so. |
|
| 54 |
|
| Na ɔde wɔn baa ne kronkronbea hye so, bepɔw a ne nsa nifa gyei no so. |
|
| 55 |
|
| Ɔpampam amanaman, wɔn anim, na ɔbɔɔ wɔn awunnyade so ntonto kyɛɛ no hama so, na ɔmaa Israel mmusuakuw tenatenaa wɔn ntamadan mu. |
|
| 56 |
|
| Nanso wɔsɔɔ ɔsorosoro Nyankopɔn hwɛe tew no ahi, na n’adansesɛm no, wɔanni so. |
|
| 57 |
|
| Na wɔwae twaa nkontompo sɛ wɔn agyanom, wɔmanee sɛ ta daadaafo. |
|
| 58 |
|
| Wɔde wɔn srɔnsrɔnmmea huruu ne bo, na wɔde wɔn ahoni ma ɔtwee ninkunu. |
|
| 59 |
|
| Onyankopɔn tee, na ne bo fuwii, na Israel ho yɛɛ no nwini koraa. |
|
| 60 |
|
| Na ogyaw Silo tenabea no, ntamadan a osii nnipa mu no. |
|
| 61 |
|
| Ɔde n’ahoɔden hyɛɛ nnommumfa mu, na ɔde n’anuonyam hyɛɛ ɔtamfo nsa. |
|
| 62 |
|
| Ogyaa ne man maa nkrante, na ne bo fuw n’agyapade. |
|
| 63 |
|
| Ogya hyew wɔn mmerante, na wɔn mmabaa nso, wɔanto wɔn ayeforo dwom. |
|
| 64 |
|
| Wɔn asɔfo totɔɔ nkrante ano, na wɔn akunafo annya asuye. |
|
| 65 |
|
| Na AWURADE nyanee sɛ obi a ofi nna mu, sɛ ɔkatakyi a nsa ma ohuro, |
|
| 66 |
|
| na ɔbobɔɔ n’atamfo ma wɔsan wɔn akyi, ɔbɔɔ wɔn daa adapaa. |
|
| 67 |
|
| Nso wampɛ Yosef ntamadan no, na Efraim abusuakuw no, wamfa; |
|
| 68 |
|
| na mmom ɔfaa Yuda abusuakuw, Sion bepɔw a wadɔ no no. |
|
| 69 |
|
| Na osii ne kronkronbea sɛ ɔsoro, sɛ asase a ɔde atim hɔ daa no. |
|
| 70 |
|
| Na oyii n’abofra Dawid, na ɔfaa no fii nguannan mu. |
|
| 71 |
|
| Ɔma ofii nguammere a wɔma nufu akyidi bae, sɛ ɔmmɛyɛn ne man Yakob ne n’agyapade Israel. |
|
| 72 |
|
| Na ɔyɛn wɔn koma mudi so, na ɔde ne nsam nimdeɛ kyerɛɛ wɔn kwan. |
|
|
|
|