Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017
|
| 1 |
| Ao! AWURADE, me nkwagye Nyankopɔn, misu mefrɛ wo awia ne anadwo, |
| 2 |
| ma me mpaebɔ nnu w’anim, brɛ w’aso ase ma me nteɛm. |
| 3 |
| Na ɔhaw ayɛ me kra ma, na me nkwa rebɛn asaman. |
| 4 |
| Wɔkan me fra wɔn a wɔkɔ amoa mu mu, mayɛ sɛ ɔbarima a onni ɔboa bi. |
| 5 |
| Wɔatow me akyene awufo mu, sɛ atɔfo a wɔde wɔn agu ɔda mu a wonkae wɔn bio, na wɔatwa wɔn afi wo nsam. |
| 6 |
| Wode me ato amoa donkudonku mu, esum mu, ebun ase tɔnn. |
| 7 |
| W’abufuhyew hyɛ me so, na woma w’asorɔkye nyinaa gu me so. |
| 8 |
| Woayi m’amannifo afi me nkyɛn akɔ akyirikyiri, wode me ayɛ wɔn akyide, wɔato me mu a meremfi adi. |
| 9 |
| Amane ama m’aniwa akisa, mefrɛ wo, AWURADE, daa adesae, metrɛw me nsam mekyerɛ wo. |
| 10 |
| So wobɛyɛ anwonwade akyerɛ awufo, anaasɛ nsamanfo bɛsɔre ayi wo ayɛ? |
| 11 |
| So wɔbɛka w’adɔe ɔda mu anaa wo nokwaredi ɔsɛe amoa mu? |
| 12 |
| So wobehu w’anwonwade, sum mu, ne wo trenee, awerɛfiri asase so? |
| 13 |
| Na me de, wo, AWURADE, na misu mefrɛ, na me mpaebɔ tua wo ahema. |
| 14 |
| AWURADE, adɛn na wotow me kra kyene, adɛn nti na wode w’anim hintaw me? |
| 15 |
| Meyɛ mmɔboroni, na mereyɛ mawu fi me mmofraase, wo ho hu akura me, na metɔ ntintan. |
| 16 |
| W’abufuw abu afa me so, w’ahide atware me; |
| 17 |
| atwa me ho ahyia te sɛ nsu daa adesae, ɛbom twa me ho dantaban. |
| 18 |
| Woayi ɔdɔfo ne adamfo afi me nkyɛn akɔ akyirikyiri, na me manni akɔ sum mu. |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twidc/psalms/088.mp3
150
88