Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017
|
| 1 |
| AWURADE di hene, ɔde anuonyam ahyehyɛ ne ho. AWURADE ahyehyɛ ne ho, ɔde ahoɔden akyekyere ne ho, na wiase tim hɔ a ɛrenhim. |
| 2 |
| W’agua tim hɔ fi tete, wowɔ hɔ fi daa. |
| 3 |
| Asuten ama so, AWURADE, asuten ama wɔn nne so, asuten ma wɔn huuyɛ so. |
| 4 |
| Nea ɔsen nsukɛse nne, nsu a ɛwɔ tumi, po mu asorɔkye nne, ɔne ɔsoro hɔ tumfo AWURADE |
| 5 |
| W’adansesɛm yɛ nokware pii; kronkronyɛ na ɛfata wo fi, AWURADE, nnasanten nyinaa. |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twidc/psalms/093.mp3
150
93