Na ɔman no hui sɛ Mose akyɛ na onsian mfi bepɔw no so mma no, ɔman no boaa wɔn ho ano baa Aaron nkyɛn besee no sɛ: Sɔre yɛ anyame ma yɛn, na wonni yɛn anim, efisɛ Mose yi, ɔbarima a okoyii yɛn fii Misraim bae no de, yennim nea ayɛ no.
wɔaman afi ɔkwan a mekyerɛɛ wɔn no so ntɛm; wɔayɛ nantwi ba a wɔagu, na wɔasɔre no abɔ afɔre ama no aka sɛ: Israel, eyinom ne wo anyame a woyii wo fii Misraim asase so bae no.
Na Mose paa AWURADE ne Nyankopɔn kyɛw sɛ: AWURADE, ɛdɛn nti na wo bo huru hyɛ ɔman a wode ahoɔden kɛse ne nsa a ɛyɛ den koyii wɔn Misraim asase so bae no?
Ɛdɛn nti na Misraimfo nka sɛ: Adwemmɔne bi nti na obeyii wɔn kɔe sɛ okokum wɔn mmepɔw so na wapra wɔn afi asase ani? San fi w'abufuhyew no mu, na ma bɔne a worebɛyɛ wo man no nyɛ wo yaw.
Kae Abraham, Isak ne Israel, wo nkoa a wokaa wɔn wo ankasa wo ntam ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mɛma w'asefo adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na asase a maka ho asɛm yi nyinaa, mede mɛma w'asefo na wɔadi so akosi daa, no.
Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn se: Momfa mo nkrante mmobɔ mo asen, na muntwa mu nkɔ, na monsan mmra, mfi nsra no tia nkɔ tia, na munkunkum mo nuanom ne mo nnamfonom ne mo afipamfo.