|
| 1 |
|
| Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: |
|
| 2 |
|
| Bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no na si ahyiaeɛ ntomadan no tenabea no. |
|
| 3 |
|
| Na fa adanseɛ adaka no si mu, na fa ntwamutam no kata adaka no ani. |
|
| 4 |
|
| Na fa ɛpono no kɔ mu, na siesie deɛ wɔde sisi soɔ no; na fa kaneadua no kɔ mu, na fa ne nkanea no sisi so. |
|
| 5 |
|
| Na fa sika aduhwamhyeɛ bukyia no kɔsi adanseɛ adaka no anim; na fa tenabea no ano nkataano no sɛne hɔ. |
|
| 6 |
|
| Na fa ɔhyeɛ afɔrebukyia no si ahyiaeɛ ntomadan tenabea no ano. |
|
| 7 |
|
| Na fa kuduo no si ahyiaeɛ ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam, na fa nsuo gu mu. |
|
| 8 |
|
| Na sisi adihɔ no hyia, na fa adihɔ no aboboano nkataano no sɛne hɔ. |
|
| 9 |
|
| Na fa sra ngo no sra tenabea no ne emu adeɛ nyinaa, na yɛ ɛno ne ɛho nnoɔma nyinaa kronkron na ɛnyɛ akronkronneɛ. |
|
| 10 |
|
| Na sra ɔhyeɛ afɔrebukyia no ne ɛho nnoɔma nyinaa ngo, na yɛ afɔrebukyia no kronkron, na afɔrebukyia no nyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron. |
|
| 11 |
|
| Na sra kuduo no ne ne ntaaseɛ no ngo, na yɛ no kronkron. |
|
| 12 |
|
| Na fa Aaron ne ne mma no bra ahyiaeɛ ntomadan no ano, na fa nsuo dware wɔn. |
|
| 13 |
|
| Na fa ntade kronkron no hyɛ Aaron, na sra no ngo yɛ no kronkron, na ɔnni me sɔfoɔ. |
|
| 14 |
|
| Na fa ne mma nso bra, na hyehyɛ wɔn ntadeɛ, |
|
| 15 |
|
| na sra wɔn ngo, sɛdeɛ wosraa wɔn agya no, na wɔnni me asɔfoɔ, na wɔn sra no nyɛ wɔn daa asɔfodie, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. |
|
| 16 |
|
| Na sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa, saa ara na ɔyɛeɛ. |
|
| 17 |
|
| Na ɛbaa sɛ afe a ɛtɔ so mmienu no bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no, wɔsii tenabea no. |
|
| 18 |
|
| Na Mose sii tenabea no, na ɔhyehyɛɛ ne nnyinasoɔ na ɔgyinagyinaa ne ntaaboɔ no, na ɔde ne mmeamu no beabeaa mu, na ɔgyinagyinaa ne nsisimu adum. |
|
| 19 |
|
| Na ɔyeree ntomadan no kataa tenabea no so, na ɔde ntomadan no nkatasoɔ no kataa so, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. |
|
| 20 |
|
| Na ɔfaa Adanseɛ no de hyɛɛ adaka no mu, na ɔde mpoma wurawuraa adaka no ho, na ɔde mpata adwa no sii adaka no so; |
|
| 21 |
|
| na ɔde adaka no kɔɔ tenabea no mu, na ɔsii ntwamutam no, na ɔde kataa adanseɛ adaka no ano, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. |
|
| 22 |
|
| Na ɔde ɛpono no sii ahyiaeɛ ntomadan no mu, tenabea no nkyɛn mu a ɛkyerɛ atifi fam wɔ ntwamutam no akyi; |
|
| 23 |
|
| na ɔsiesiee ɛso paanoo AWURADE anim sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. |
|
| 24 |
|
| Na ɔde kaneadua no sii ahyiaeɛ ntomadan no mu, ɛpono no ntentensoɔ wɔ tenabea no nkyɛn mu a ɛkyerɛ anafoɔ fam; |
|
| 25 |
|
| na ɔde nkanea no sisii so AWURADE anim, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. |
|
| 26 |
|
| Na ɔde sika afɔrebukyia no sii ahyiaeɛ ntomadan no mu, ntwamutam no anim; |
|
| 27 |
|
| na ɔhyee so aduhwam, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no. |
|
| 28 |
|
| Na ɔde nkataano no sɛnee tenabea no ano. |
|
| 29 |
|
| Na ɔde ɔhyeɛ afɔrebukyia no sii ahyiaeɛ ntomadan tenabea no ano, na ɔbɔɔ so ɔhyeɛ ne aduane afɔdeɛ, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. |
|
| 30 |
|
| Na ɔde kuduo no sii ahyiaeɛ ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam, na ɔde nsuo guu mu sɛ wɔmfa nhohoro wɔn ho. |
|
| 31 |
|
| Na Mose ne Aaron ne ne mma no de hohoroo wɔn nsa ne wɔn nan ho; |
|
| 32 |
|
| sɛ wɔkɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu anaasɛ wɔrebɛbɛn afɔrebukyia no ho a, wɔhohoroo wɔn ho, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. |
|
| 33 |
|
| Na ɔsii adihɔ no de twaa tenabea no ne afɔrebukyia no ho hyiae, na ɔde adihɔ no aboboano ntwamutam no sɛnee hɔ. Na Mose wiee adwuma no. |
|
| 34 |
|
| Ɛnna mununkum no bɛkataa ahyiaeɛ ntomadan no soɔ, na AWURADE animuonyam bɛhyɛɛ tenabea no ma. |
|
| 35 |
|
| Na Mose antumi anhyɛne ahyiaeɛ ntomadan no mu, ɛfiri sɛ na mununkum no te so, na AWURADE animuonyam ahyɛ tenabea no ma. |
|
| 36 |
|
| Na Israelfoɔ akwantuo no nyinaa mu, sɛ mununkum no ma ne ho so firi tenabea no so a, na wɔkɔ wɔn anim; |
|
| 37 |
|
| na sɛ mununkum no amma ne ho so a, ɛnneɛ wɔntu ara kɔsi da a ɛma ne ho soɔ. |
|
| 38 |
|
| Ɛfiri sɛ wɔn akwantuo no nyinaa mu, na AWURADE mununkum no wɔ tenabea no so awia, na ogya wɔ mu anadwo, Israel fie no nyinaa anim. |
|
|
|
|