|
| 1 |
|
| Nsisie nsania yɛ AWURADE akyiwadeɛ, na abrammo a ɛtene no yɛ no anisɔ. |
|
| 2 |
|
| Ahantan ba a, na aniwuo ba, na ahobrɛasefoɔ na nyansa ne wɔn teɛ. |
|
| 3 |
|
| Teefoɔ pɛyɛ bɛgya wɔn, na nkontompofoɔ nnaadaa bɛsɛe wɔn. |
|
| 4 |
|
| Adedodoɔ nyɛ mma hwee abufuo da, na tenenee gye onipa firi owuo mu. |
|
| 5 |
|
| Pɛyɛfoɔ tenenee bɛtene ne kwan, na ɔbɔnefoɔ deɛ ɔbɛhwe ase n’abɔnefosɛm mu. |
|
| 6 |
|
| Teefoɔ tenenee bɛgye wɔn, na nkontompofoɔ deɛ mmusubɔ mu na wɔbɛkye wɔn. |
|
| 7 |
|
| Onipa bɔne wu a, n’anidasoɔ yera, na amumuyɛfoɔ kwanhwɛ yera. |
|
| 8 |
|
| Wɔbɛyi ɔteneneeni afiri ahohiahia mu, na ɔbɔnefoɔ abɛsi n’ananmu ahunu amane. |
|
| 9 |
|
| Ɔdebɔneyɛni de n’ano sɛe ne yɔnko, na teneneefoɔ nimdeɛ na wɔde bɛyi wɔn. |
|
| 10 |
|
| Teneneefoɔ di yie a, ɔman ho sane wɔn, na abɔnefoɔ sɛe a, wɔhuro. |
|
| 11 |
|
| Ɛnam teefoɔ nhyira so na wɔma kuro soɔ, na ɛnam abɔnefoɔ anomu nsɛm so na wɔbɔ no. |
|
| 12 |
|
| Deɛ ɔyi ne yɔnko ahi nni ti, na nhunumu nipa mua n’ano. |
|
| 13 |
|
| Nsekuni nenam yi ahuntasɛm adi, na nokorɛ honhom kata asɛm so. |
|
| 14 |
|
| Deɛ akwankyerɛ nnie no, ɔman hwe ase, na ɔmannwoeɛ wɔ agyinatufoɔ dodoɔ mu. |
|
| 15 |
|
| Deɛ ɔdi hɔhoɔ agyinamu no, ɛbɛwie no bɔne, na deɛ ɔtane agyinamudeɛ no aso mu dwo no. |
|
| 16 |
|
| Ɔbaa a n’anim teɛ nya animuonyam, na ɔhoɔdenfoɔ deɛ ɔnya ahonyadeɛ kwa. |
|
| 17 |
|
| Ɔyamyiefoɔ yɛ ne kra yie, na otirimuɔdenfoɔ ha ɔno ara ne honam. |
|
| 18 |
|
| Ɔbɔnefoɔ yɛ adwuma hunu, na deɛ ɔgu tenenee no nya nokorɛ akatua. |
|
| 19 |
|
| Deɛ ɔtim tenenee mu no kɔ nkwa mu, na deɛ ɔti bɔne no nya owuo. |
|
| 20 |
|
| AWURADE akyiwadeɛ ne akoma kontonkyifoɔ, na wɔn a wɔn kwan yɛ pɛ sɔ n’ani. |
|
| 21 |
|
| Ampa ara, ɔbɔnefoɔ renni bem. Na teneneefoɔ asefoɔ deɛ, wɔbɛgye wɔn. |
|
| 22 |
|
| Sɛ sika adwinneɛ teɛ wɔ prako hwene mu no, sɛ ɔbaabereɛ a wapo deɛ ɛfata teɛ ne no. |
|
| 23 |
|
| Teneneefoɔ adeɛ a wɔpɛ yɛ papa nko ara, na abɔnefoɔ deɛ anidasoɔ dane wɔn abufuo. |
|
| 24 |
|
| Obi wɔ hɔ a ɔpete, nanso ɔkɔ so dɔre ara, na obi di adɔna tra so, nanso ɛhia no ara. |
|
| 25 |
|
| Nhyira kra bɛdɔre sradeɛ, na deɛ ɔma ebinom meeɛ nso bɛmee. |
|
| 26 |
|
| Deɛ ɔkora aburoo no, nkurɔfoɔ dome no, na nhyira ba deɛ ɔtɔn no so. |
|
| 27 |
|
| Deɛ ɔpɛ papa akyiri kwan no hwehwɛ anisɔ, na deɛ ɔdi bɔne akyire no, ɛba ne so. |
|
| 28 |
|
| Deɛ ɔde ne ho to n’ahonyadeɛ soɔ no bɛhwe ase, na ateneneefoɔ bɛyɛ frɔmfrɔm sɛ ahahan. |
|
| 29 |
|
| Deɛ ɔha ne fie bɛdi mframa, na ogyimifoɔ bɛyɛ akoma mu nyansafoɔ akoa. |
|
| 30 |
|
| Ɔteneneeni aba yɛ nkwa dua, na onyansafoɔ deɛ ɔnya akra. |
|
| 31 |
|
| Hwɛ, sɛ wɔtua ɔteneneeni ka asase so a, na nkantom ɔbɔnefoɔ ne omumuyɛfoɔ. |
|
|
|
|