|
| 1 |
|
| Ɔba nyansafo tie agya nteɛso, na ɔfɛwdifo ntie ntwiwanim. |
|
| 2 |
|
| Onipa anom aba so na odi nnepa, na nea nkontompofo kra pɛ ne mmusu. |
|
| 3 |
|
| Nea ɔkora n’ano hwɛ ne kra so, nea ɔtɛɛ n’anom nya ɔsɛe. |
|
| 4 |
|
| Onihawfo kra kɔn dɔ, na onnya, na nsiyɛfo kra bɛdɔ srade. |
|
| 5 |
|
| Ɔtreneeni tan atosɛm, na abɔnefo yɛ aniwude ne ahohorade. |
|
| 6 |
|
| Trenee kora nea ne kwan yɛ pɛ, na abɔnefosɛm butuw ɔdebɔneyɛfo. |
|
| 7 |
|
| Obi yɛ ne ho defo, nso na onni hwee, obi nso yɛ ne ho hiani, nso na ɔwɔ ade pii. |
|
| 8 |
|
| Obi kra nnwensa ne n’ahonyade, na ohiani de, ɔnte ntwiwanim. |
|
| 9 |
|
| Treneefo hann dɛw anigye, na abɔnefo kanea bedum. |
|
| 10 |
|
| Ahantan de atutuw nko na ɛba, na wɔn a wotie afotu, nyansa ne wɔn te. |
|
| 11 |
|
| Ahonyade a efi ahuhude mu sua, na nea ɔde ne nsa ano boaboa ano no ma ɛdɔ. |
|
| 12 |
|
| Anidaso a ɛkyɛ muba ma koma yare, na anigyinade a ɛba mu yɛ nkwa dua. |
|
| 13 |
|
| Nea obu asɛm animtiaa de ɔsɛe ba ne ho so, na nea osuro mmara no, obenya akatua. |
|
| 14 |
|
| Onyansafo kyerɛ yɛ nkwa asuti, ɛno na ɔde befi owu afiri mu. |
|
| 15 |
|
| Nimdeɛ pa ma onipa anim ba nyam, na nkontompofo kwan yɛ aboabo. |
|
| 16 |
|
| Onitefo yɛ n’ade nyinaa nimdeɛ mu, na ɔkwasea trɛw n’agyimisɛm mu. |
|
| 17 |
|
| Ɔbɔfo bɔne hwe amane mu, na ɔsomafo nokwafo sa ɔyare. |
|
| 18 |
|
| Ohia ne aniwu ka nea ɔpa nteɛso, na nea obu animka no nya anuonyam. |
|
| 19 |
|
| Akɔnnɔde a adɔ kɔn yɛ ɔkra dɛ, na bɔne mu fi yɛ nkwasea akyide. |
|
| 20 |
|
| Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane. |
|
| 21 |
|
| Bɔne tiw nnebɔneyɛfo, na treneefo de, ɔde papa tua wɔn ka. |
|
| 22 |
|
| Onipa pa gyaw n’ade ma mma mma, na ɔdebɔneyɛfo ahonyade de, wotia ma ɔtreneeni. |
|
| 23 |
|
| Ahiafo adɔw ma aduan pii ba, nanso atɛntrenee nni hɔ a, wɔpra kɔ. |
|
| 24 |
|
| Nea ɔkora n’abaa tan ne ba, na nea ɔdɔ no no teɛ no so ntɛmso. |
|
| 25 |
|
| Ɔtreneeni bedidi ma ne kra amee, na abɔnefo yafunu bɛda mpan. |
|
|
|
|