|
| 1 |
|
| Akoma mu nhyehyɛɛ yɛ onipa dea, na tɛkyerɛma mmuaeɛ firi AWURADE. |
|
| 2 |
|
| Onipa akwan nyinaa so te n’ani so, na ahonhom karifoɔ ne AWURADE. |
|
| 3 |
|
| Fa wo nnwuma hyɛ AWURADE nsa, na wo nhyehyɛɛ bɛtim. |
|
| 4 |
|
| AWURADE yɛ ade nyinaa ma botaeɛ bi nti, ɔbɔnefoɔ mpo ma da bɔne. |
|
| 5 |
|
| Obiara a ɔyɛ akoma mu dwɛɛ yɛ AWURADE akyiwadeɛ, ampa ara, ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ. |
|
| 6 |
|
| Wɔde adɔeɛ ne nokorɛ kata amumuyɛ so, na wɔde AWURADE suro kwati bɔne. |
|
| 7 |
|
| Sɛ onipa akwan sɔ AWURADE ani a, ɔma n’atamfo mpo ne no ntam ba asomdwoeɛ. |
|
| 8 |
|
| Tenenee mu ade ketewa yɛ sene nnɔbaeɛ pii a ɛmfiri tenenee mu. |
|
| 9 |
|
| Onipa akoma na ɛdwene ne kwan ho, na AWURADE na ɔsisi n’anammɔn. |
|
| 10 |
|
| Nkɔmhyɛ wɔ ɔhene anomu, atemmuo mu nso n’ano mfom. |
|
| 11 |
|
| Abrammoɔ ne nsania tee yɛ AWURADE dea, fotoɔ mu aboɔ nyinaa yɛ ne nnwuma. |
|
| 12 |
|
| Ahemfo akyiwadeɛ ne abɔnefosɛm die, na tenenee mu na akonnwa tim. |
|
| 13 |
|
| Ahemfo anisɔdeɛ ne ano tenenee, na deɛ ɔka deɛ ɛtene no, wɔdɔ no. |
|
| 14 |
|
| Ɔhene anibereɛ yɛ owuo abɔfoɔ, na ɔba nyansafoɔ pata no. |
|
| 15 |
|
| Ɔhene animteɛ mu na nkwa wɔ, na n’anisɔ te sɛ bereamporɔberɛ mu mununkum. |
|
| 16 |
|
| Sɛdeɛ nyansanya yɛ sene sika fa! ne nhunumunya sɛ wɔyi sene dwetɛ. |
|
| 17 |
|
| Teefoɔ tempɔn ne bɔne kwatie, deɛ ɔhwɛ ne kwan kora ne kra. |
|
| 18 |
|
| Ahantan di ɔsɛeɛ anim, na dwɛɛ honhom di asehweɛ kan. |
|
| 19 |
|
| Ɛyɛ sɛ wo ne mmɔborɔfoɔ nya ahobrɛaseɛ honhom sene sɛ wo ne ahokyerɛfoɔ bɛkyɛ asadeɛ. |
|
| 20 |
|
| Deɛ ɔdwene asɛm soɔ no hunu papa, na nhyira ne deɛ ɔde ne ho to AWURADE soɔ. |
|
| 21 |
|
| Wɔfrɛ akoma mu nyansafoɔ sɛ nhunumufoɔ, na ano dɛdɛ ma adenim dɔ. |
|
| 22 |
|
| Nimdeɛ yɛ nkwa nsutire ma deɛ ɔwɔ, na agyimifoɔ deɛ, wɔn asotwe ne wɔn agyimisɛm. |
|
| 23 |
|
| Onyansafoɔ akoma kyerɛ n’ano nimdeɛ, na ɛma adenim dɔ wɔ n’anomu. |
|
| 24 |
|
| Nsɛm a ɛyɛ dɛ yɛ ɛwoɔkyɛm, ɔkra adɔkɔdɔkɔwadeɛ ne nnompe nkwahosan. |
|
| 25 |
|
| Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛtene wɔ onipa ani soɔ, na mmom n’awieeɛ yɛ owuo kwan. |
|
| 26 |
|
| Odwumayɛni kɔm yɛ adwuma ma no, ɛfiri sɛ n’ano piapia no. |
|
| 27 |
|
| Obusuyɛfoɔ bɔre bɔne, na n’ano te sɛ ogya a ɛhyehyeɛ. |
|
| 28 |
|
| Onipa kontonkyi hyɛ takrawɔgyam, na asomsɛmkani tete nnamfo ntam. |
|
| 29 |
|
| Omimdifoɔ sisi ne yɔnko, na ɔde no fa kwan a ɛnyɛ so, |
|
| 30 |
|
| ɔmua n’ani dwene akontonkyisɛm ho, ɔwe n’ano wie bɔneyɛ. |
|
| 31 |
|
| Abotire a ɛyɛ fɛ ne ɛdwono, wɔhu no tenenee kwan so. |
|
| 32 |
|
| Deɛ ne bo kyɛre fuo no yɛ sene dɔmmarima, na deɛ ɔdi ne honhom soɔ no sene deɛ ɔko fa kuro. |
|
| 33 |
|
| Srɛ so na wɔtwe tonto, na atemmuo nyinaa firi AWURADE. |
|
|
|
|