|
| 1 |
|
| Deɛ wate ne ho no hwehwɛ anoyie daa, na adepa biara yɛ no ahi. |
|
| 2 |
|
| Ɔkwasea nni nhunumu ho anika, na mmom sɛ ɔbɛyi n’akoma adie. |
|
| 3 |
|
| Ɔbɔnefoɔ ba a, animtiabuo nso ba, na adapaa ne ahohora na ɛnam. |
|
| 4 |
|
| Nsuo a emu dɔ ne ɔbarima anomu nsɛm, asutene a ɛba yie ne nyansa abura. |
|
| 5 |
|
| Ɛnyɛ sɛ wɔhwɛ ɔbɔnefoɔ anim, na wɔdane ɔteneneeni asɛm ani atemmuo mu. |
|
| 6 |
|
| Ɔkwasea ano ma ntɔkwa ba, na n’afono frɛfrɛ asotorɔ. |
|
| 7 |
|
| Ɔkwasea ano ne ne sɛeɛ, na n’anofafa ne ne kra fidie. |
|
| 8 |
|
| Asomkasani nsɛm te sɛ mfremfremadeɛ, na ɛsiane kɔ ɔyafunu mpia mu. |
|
| 9 |
|
| Deɛ ɔtoto n’adwuma aseɛ nso, ɔdesɛefoɔ nua ne no. |
|
| 10 |
|
| Aban denden ne AWURADE din, ɛno mu na ɔteneneeni dwane korɔ, na wɔkora no. |
|
| 11 |
|
| Ɔdefoɔ ahonyadeɛ ne ne kuro a ɛyɛ den, na ɛte sɛ ɔfasuo a ɛkorɔn n’adwene mu. |
|
| 12 |
|
| Deɛ ɛdi ɔsɛeɛ anim ne sɛ ɔbarima akoma a ɛma ne ho soɔ, na deɛ ɛdi animuonyam anim ne ahobrɛaseɛ. |
|
| 13 |
|
| Deɛ ɔbua asɛm ansa na ɔteɛ no, ɛyɛ agyimisɛm ne aniwuo ma no. |
|
| 14 |
|
| Onipa honhom tumi soa yadeɛ, na honhom a ɛdi yea deɛ, hwan na ɔbɛtumi asoa? |
|
| 15 |
|
| Nhunumufoɔ akoma nya nimdeɛ, na anyansafoɔ aso hwehwɛ nimdeɛ akyiri kwan. |
|
| 16 |
|
| Onipa ayɛyɛdeɛ bɔ kwan ma no, na ɛde no ba nnipa akɛseɛ anim. |
|
| 17 |
|
| Deɛ ɔbɔ ne nkuro kane yɛ sɛ ɔteneneeni kɔsi sɛ ne yɔnko ba bɛpeepee mu. |
|
| 18 |
|
| Ntonto pata ntɔkwa, na ɛpae atumfoɔ ntam. |
|
| 19 |
|
| Onua a wɔafom no sene kuro denden, na ntɔkwa te sɛ abankɛseɛ akyiri adaban. |
|
| 20 |
|
| Ɔbarima anomu aba ma ne yafunu mee, n’anomu nnɔbaeɛ mee no. |
|
| 21 |
|
| Owuo ne nkwa wɔ tɛkyerɛma tumi so, na deɛ ɔdɔ no no bɛdi n’aba. |
|
| 22 |
|
| Deɛ wanya yerɛ no, wanya adepa, na wanya AWURADE hɔ anisɔ. |
|
| 23 |
|
| Kyɛwpa na ohiani de kasa, na ɔdefoɔ bua asɛmdenden. |
|
| 24 |
|
| Deɛ ɔfa nnamfo pii no de sɛe ɔno ara ne ho, nanso adamfo bi wɔ hɔ a ɔfam ho sene onua. |
|
|
|
|