|
| 1 |
|
| Ohiani a ɔnam ne pɛyɛ mu ye sen nea ɔkyea n’anom nsɛm na ɔyɛ ɔkwasea. |
|
| 2 |
|
| Ɔkra a nimdeɛ abɔ no nye, na nea ne nan ase yɛ hare no yɛ bɔne. |
|
| 3 |
|
| Onipa agyimisɛm dannan ne kwan, na ne koma huru hyɛ AWURADE. |
|
| 4 |
|
| Ahonyade ma obi nya nnamfo pii, na ɔbrɛfo ne ne yɔnko ntam tetew. |
|
| 5 |
|
| Ɔdansekurumfo ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ, na nea ohuw atosɛm no rennya aguanye. |
|
| 6 |
|
| Nnipa pii dɛfɛdɛfɛ ɔdɛɛfo, na nnipa nyinaa yɛ ɔyamyefo nnamfo. |
|
| 7 |
|
| Ohiani nuanom nyinaa tan no, na mpɛn ahe na ne nnamfonom ne no ntam rempan; ɔde nsɛm tiw wɔn a, ɔnto wɔn. |
|
| 8 |
|
| Nea onya nyansa no dɔ ne kra, nea obu nhumu no, ohu papa. |
|
| 9 |
|
| Ɔdansekurumfo ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ, na nea ohuw atosɛm no bɛyera. |
|
| 10 |
|
| Taamudi mfata ɔkwasea, na menne sɛ akoa bedi mpanyimfo so. |
|
| 11 |
|
| Onipa nimdeɛ twentwɛn n’abufuw ase, na mfomso ho twa yɛ no anuonyam. |
|
| 12 |
|
| Ɔhene abufuw te sɛ gyata mmobom, na n’anisɔ te sɛ wura so bosu. |
|
| 13 |
|
| Ɔba kwasea yɛ n’agya mmusu, na ɔbea atutupɛ yɛ daa nsosɔe. |
|
| 14 |
|
| Ofi ne ahode yɛ agyanom awunnyade, na ɔyere nimdefo fi AWURADE. |
|
| 15 |
|
| Anihaw yɛ nnahɔɔ, na ɔkra kwaadwofo bedi kɔm. |
|
| 16 |
|
| Nea ɔkora mmara asɛm no kora ne kra, na nea ɔnhwɛ n’akwan yiye no bewu. |
|
| 17 |
|
| Nea ohu ɔbrɛfo mmɔbɔ de fɛm AWURADE, na nea ɔde ama no, ɔbɛhyɛ no ananmu. |
|
| 18 |
|
| Anidaso wɔ hɔ yi, teɛ wo ba, na mmɔ wo tirim sɛ wubekum no. |
|
| 19 |
|
| Nea n’abufuw so no benya asotwe, na sɛ wugyaa no a, wobɛsan agyaa no bio. |
|
| 20 |
|
| Tie afotu na gye nteɛso, na woahu nyansa w’akyiri nna mu. |
|
| 21 |
|
| Adwene pii wɔ onipa komam, nanso AWURADE agyinatu na ebegyina. |
|
| 22 |
|
| Onipa adɔeyɛ na ɛma wɔdɔ no, na ohiani ye sen ɔtorofo. |
|
| 23 |
|
| AWURADE suro de kɔ nkwa mu, nea okura mu no bɛmee ada, na bɔne bi renka no. |
|
| 24 |
|
| Ɔkwadwofo de ne nsa to asanka mu, na ɔnsan mfa nkɔ n’anom po. |
|
| 25 |
|
| Bɔ ɔfɛwdifo, na atetekwaa ani bɛtew, na ka nhumufo anim, na wahu nimdeɛ mu. |
|
| 26 |
|
| Nea ɔbɔ n’agya atirimmɔden na ɔpam ne na no yɛ aniwu ne ahohora ba. |
|
| 27 |
|
| Me ba, sɛ wugyae nteɛso tie a, na wobɛfom afi nimdeɛ nsɛm ho! |
|
| 28 |
|
| Ɔdansehuhufo di atemmu ho fɛw, na abɔnefo ano mene mmusu. |
|
| 29 |
|
| Wɔasiesie atemmu ama afɛwdifo ne mmaa ama nkwasea akyi. |
|
|
|
|