|
| 1 |
|
| Din pa na ɛsɛ sɛ wɔyie sene ahonyadeɛ pii, na animuonyam yɛ sene dwetɛ ne sika. |
|
| 2 |
|
| Ɔdefoɔ ne ohiani hyia, deɛ ɔyɛɛ wɔn nyinaa ne AWURADE. |
|
| 3 |
|
| Onitefoɔ hunu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hunta, nanso adwenemharefoɔ deɛ, wɔkɔhyɛ mu, na wɔnya asotwe. |
|
| 4 |
|
| Deɛ ɛdi ahobrɛaseɛ ne AWURADE suro akyire ne ahonyadeɛ ne animuonyam ne nkwa. |
|
| 5 |
|
| Nkasɛɛ ne afidie wɔ okontonkyini kwan so, nanso deɛ ɔkora ne kra ne wɔn ntam bɛtwe. |
|
| 6 |
|
| Kyerɛ abɔfra ɛkwan a ɔmfa soɔ, na sɛ ɔnyini a, ɔremfiri ho. |
|
| 7 |
|
| Ɔdefoɔ di ahiafoɔ so, na ɔdefɛmni yɛ deɛ ɔde fɛm akoa. |
|
| 8 |
|
| Deɛ ɔdua amumuyɛ no bɛtwa mmusuo, na n’anibereɛ abaa bɛhi. |
|
| 9 |
|
| Oyamyiefoɔ nya nhyira, na ɔde n’aduane bi ma mmɔborɔni. |
|
| 10 |
|
| Pamo fɛdifoɔ na ntɔkwa bɛfiri adi, na akasakasa ne nsopa to atwa. |
|
| 11 |
|
| Deɛ ɔdɔ akoma mu teɛ na n’anomu kasa yɛ dɛ no, n’adamfo ne ɔhene. |
|
| 12 |
|
| AWURADE ani kora onimdefoɔ, na ɔbutu ɔkɔnkɔnsani asɛm. |
|
| 13 |
|
| Ɔkwadwofoɔ se: Gyata wɔ adihɔ, wɔbɛku me, mmorɔno so! |
|
| 14 |
|
| Mmaa asansafoɔ ano yɛ amena donkodonko, deɛ AWURADE apo no no bɛhwe mu. |
|
| 15 |
|
| Agyimisɛm kyekyere abɔfra akoma ho, atenetene abaa bɛma no afiri ne ho. |
|
| 16 |
|
| Deɛ ɔhyɛ mmɔborɔni soɔ de dɔre n’adeɛ, anaa ɔde n’adeɛ ma ɔdefoɔ no, hia na ɛbɛhia no. |
|
| 17 |
|
| Brɛ w’aso ase tie anyansafoɔ kasa, na fa w’akoma to me nimdeɛ so. |
|
| 18 |
|
| Na ɛyɛ fɛ sɛ wode bɛsie wo yam, na ne nyinaa abom afam w’ano. |
|
| 19 |
|
| Deɛ ɛbɛyɛ na wode wo ho ato AWURADE soɔ no, merema woahunu nnɛ, wo ara! |
|
| 20 |
|
| Menkyerɛɛ wo nsɛnkunini aduasa, afotuo ahodoɔ ne nimdeɛ mu, |
|
| 21 |
|
| sɛ mɛma woahunu nokorɛ nsɛm asetim, na wode nokwasɛm akɔbua wɔn a wɔsoma woɔ no anaa? |
|
| 22 |
|
| Mmɔ mmɔborɔni korɔno, sɛ ɔyɛ mmɔborɔni nti, na ntiatia amanehununi so kuro pono mu. |
|
| 23 |
|
| Na AWURADE bɛdi wɔn asɛm ama wɔn, na wɔn a wɔfom wɔn fa no, ɔbɛfom wɔn kra afa. |
|
| 24 |
|
| Ɛne obufufafoɔ mmfa yɔnkoɔ, na ɛne ɔbarima niberefoɔ mmmɔ, |
|
| 25 |
|
| na woansua n’akwan, na woannya fidie amma wo kra. |
|
| 26 |
|
| Nyɛ wɔn a wɔdi agyinamu no mu bi, wɔn a wɔdi akagyinamu no. |
|
| 27 |
|
| Sɛ wonni biribi a wode bɛtua a, adɛn nti na ɔnnye w’ase kɛtɛ no? |
|
| 28 |
|
| Ntwe tete hyeɛ a w’agyanom abɔ ato hɔ no. |
|
| 29 |
|
| Woahunu onipa a ɔyɛ nsi wɔ n’adwuma ho? Ɔno na ɔbɛgyina ahemfo anim, na ɔrennyina mpapahwekwaa anim. |
|
|
|
|