|
| 1 |
|
| Sɛ wotena ase ne ɔberempɔn rebɛdidi a, susu deɛ ɛwɔ w’anim no ho yie; |
|
| 2 |
|
| na sɛ woyɛ odufudepɛfoɔ a, ɛte sɛ wode sekan reto mene mu. |
|
| 3 |
|
| Mma wo kɔn nnnɔ n’adɔkɔdɔkɔwadeɛ, na ɛyɛ nnaadaa aduane. |
|
| 4 |
|
| Mmiri wo mogya ani mpɛ ahonyadeɛ, gyae wo nhunumu yi akyiridie. |
|
| 5 |
|
| Wode w’ani bɛsi deɛ ɛnni hɔ so anaa? Na ahonyadeɛ fu ntaban tu sɛ ɔkɔdeɛ a ɔtu kɔ soro. |
|
| 6 |
|
| Nni deɛ ɔwɔ ani bɔne aduane, na mma wo kɔn nnnɔ n’adɔkɔdɔkɔwadeɛ. |
|
| 7 |
|
| Na sɛdeɛ ɔdwene ne mu no, sɛ ɔteɛ ne no, ɔse wo sɛ: Didi na nom! Nanso n’akoma nni wo ho. |
|
| 8 |
|
| Afono ma a woadie no, wobɛfe, na woayera wo nsɛm dɛdɛ no. |
|
| 9 |
|
| Nkasa ngu ɔkwasea aso mu, na ɔbɛbu wo kasa mu nimdeɛ no animtia. |
|
| 10 |
|
| Ntwe tete hyeɛ, na nhyɛne nwisiaa mfuo mu. |
|
| 11 |
|
| Na wɔn gyefoɔ no yɛ otumfoɔ, ɔbɛdi wɔn asɛm ama wɔn atia wo. |
|
| 12 |
|
| Fa w’akoma bra atentene ho, na fa w’aso bra nimdeɛ nsɛm ho. |
|
| 13 |
|
| Mfa atenetene nkame abɔfra, na wode abaa hwe no a, ɔrenwu. |
|
| 14 |
|
| Sɛ wode abaa hwe no a, ɛno na wobɛgye ne kra afiri Asamando. |
|
| 15 |
|
| Me ba, sɛ w’akoma hunu nyansa a, me ara nso m’akoma bɛtɔ me yam, |
|
| 16 |
|
| na me kra ho bɛsɛpɛ no, sɛ w’ano reka deɛ ɛtene. |
|
| 17 |
|
| Mma w’akoma mmpere wo, nnebɔneyɛfoɔ ho. Na wo deɛ, tena AWURADE suro mu daa nyinaa. |
|
| 18 |
|
| Na ampa ara, akyire asɛm wɔ hɔ, na wɔrentwa w’anidasoɔ no ntwene. |
|
| 19 |
|
| Me ba, wo deɛ, tie, na hunu nyansa, na tene w’akoma kɔ ɔkwan no so. |
|
| 20 |
|
| Mfra sadweamfoɔ, wɔn a wɔsɛe wɔn honam no mu; |
|
| 21 |
|
| na ɔsadweam ne potwaafoɔ bɛdi hia, na nkotɔ de ntomago fira onipa. |
|
| 22 |
|
| Tie w’agya, ɔno na ɔwoo woɔ, na wo na, sɛ ɔbɔ aberewa a, mmu no animtia. |
|
| 23 |
|
| Tɔ nokorɛ, na ntɔn; tɔ nyansa ne atenetene ne nhunumu nso. |
|
| 24 |
|
| Ahurisie na ɔteneneeni agya bɛdie, na deɛ ɔwoo onyansafoɔ no ani gye ne ho. |
|
| 25 |
|
| Ma w’agya ne wo na ani nnye, na deɛ ɔwoo woɔ no nni ahurisie. |
|
| 26 |
|
| Me ba, fa w’akoma ma me, na ma m’akwan nsɔ w’ani. |
|
| 27 |
|
| Na odwamamfoɔ yɛ amena donkodonko, na ɔbaa sansani yɛ abura hihiaa. |
|
| 28 |
|
| Ɔtɛ nso sɛ ɔkwanmukani, na ɔma nnipa mu nkɔnkɔnsafoɔ dɔɔso. |
|
| 29 |
|
| Hwan na ɔwɔ amaneɛ mu, hwan na ɔwɔ awerɛhoɔ mu, hwan na ɔwɔ ntɔkwako ne abooboodie, hwan na ɔwɔ apirapira hunu ne ani a abereɛ? |
|
| 30 |
|
| Wɔn a wɔkyɛre nsa ho, wɔn a wɔkɔka mfrasa hwɛ. |
|
| 31 |
|
| Nhwɛ nsa sɛ ɛbere kɔɔ no, na ani twa, kuruwa mu, na ɛkɔ yɔɔ no, |
|
| 32 |
|
| akyire yi no ɛka sɛ ɔwɔ, na ɛwɔ borɔ sɛ ahuritia. |
|
| 33 |
|
| W’ani bɛhwɛ ananadeɛ, na w’akoma aka akontonkyisɛm. |
|
| 34 |
|
| Na woayɛ sɛ deɛ ɔda po mfimfini ne deɛ ɔda hyɛn nnua atifi. |
|
| 35 |
|
| Na woaka sɛ: Wɔde adeɛ bɔɔ me, ante me, wɔpem me, mante, menyane ara pɛ a, mɛkɔ so mapɛ akyiri kwan ara! |
|
|
|
|