|
| 1 |
|
| Mma wo ho mmpere wo, abɔnefoɔ ho, na mma wo kɔn nnnɔ sɛ wo ne wɔn bɛtena, |
|
| 2 |
|
| na wɔn akoma dwene ɔsɛeɛ ho, na wɔn ano ka mmusuo. |
|
| 3 |
|
| Wɔde nyansa na ɛsi dan, na wɔde nhunumu ma no gyina, |
|
| 4 |
|
| na wɔnam nimdeɛ so de ahodeɛ aboɔdenneɛ afɛfɛdeɛ nyinaa hyɛ mpia mama. |
|
| 5 |
|
| Ɔbarima nyansafoɔ wɔ ahoɔden, na ɔba nimdefoɔ ma ne tumi mu yɛ den. |
|
| 6 |
|
| Atɛmpa na fa kyekyere wo sa, na nkonim wɔ agyinatufoɔ dodoɔ mu. |
|
| 7 |
|
| Nyansa korɔn papa ma ogyimifoɔ, ɔmmue n’ano kuro pono mu. |
|
| 8 |
|
| Deɛ ɔdwene bɔneyɛ ho no, wɔfrɛ no ɔkɔtwebrɛfoɔ. |
|
| 9 |
|
| Agyimisɛm tirimbɔ yɛ bɔne, na nnipa akyiwadeɛ ne ɔfɛdifoɔ. |
|
| 10 |
|
| Wo nsa mu go ahohiahia da mu a, w’ahoɔden sua. |
|
| 11 |
|
| Gye wɔn a wɔtwe wɔn kɔ owuo mu, na sɛ wɔtɔ ekum kwan so ntintan a, sianka wɔn ɛ. |
|
| 12 |
|
| Sɛ wose: Hwɛ, na yɛnnim yei a, deɛ ɔkari akoma no nhunu mu, na deɛ ɔkora wo kra no nnim anaa? Na ɔbɛtua onipa ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ. |
|
| 13 |
|
| Di ɛwoɔ, me ba, na ɛyɛ, ne ɛwoɔkyɛm a ɛyɛ wo dodom dɛ; |
|
| 14 |
|
| saa na bu nyansa ma wo kra, sɛ wohunu a, ɛso akatua bɛba daakye, na wɔrentwa w’anidasoɔ no ntwene. |
|
| 15 |
|
| Ɔbɔnefoɔ, ntɛ ɔteneneeni fie, na nsɛe ne homebea. |
|
| 16 |
|
| Na mprɛnson na ɔteneneeni hwe ase na ɔsɔreɛ, na abɔnefoɔ deɛ, amanehunu hwe wɔn ase. |
|
| 17 |
|
| Wo tamfo hwe ase a, mma w’ani nnnye, na ɔwatiri a, mma w’akoma nnni ahurisie, |
|
| 18 |
|
| na AWURADE anhunu, na anyɛ n’ani so bɔne, na wannane n’abufuo amfiri ne so. |
|
| 19 |
|
| Nha wo ho nnebɔneyɛfoɔ ho, na mma w’ani mmmere abɔnefoɔ. |
|
| 20 |
|
| Na akyire asefoɔ nni hɔ mma ɔbɔne, abɔnefoɔ kanea bɛdum. |
|
| 21 |
|
| Me ba, suro AWURADE ne ɔhene, mfa wo ho mmɔ atuatefoɔ ho, |
|
| 22 |
|
| na mpofirim na amaneɛ firi wɔn hɔ bɛba, na ɔsɛeɛ a ɛbɛfiri wɔn baanu hɔ no, hwan na ɔnim? |
|
| 23 |
|
| Yeinom nso yɛ anyansafoɔ dea: Atemmuo mu animhwɛ nyɛ. |
|
| 24 |
|
| Deɛ ɔse ɔbɔnefoɔ sɛ: Wotene, no, aman bɛdome no, na amanaman bɛkyiri no. |
|
| 25 |
|
| Na wɔn a wɔtwe aso no bɛdi yie, na wɔn so na nhyira pa bɛba. |
|
| 26 |
|
| Deɛ ɔma mmuaeɛ pa no te sɛ deɛ ɔfe ano. |
|
| 27 |
|
| Siesie w’adwuma wɔ baabi, na toto wo biribiara w’asase so; na ɛno akyiri no woakyekyere wo fie. |
|
| 28 |
|
| Nni wo yɔnko ho adanse hunu, na mfa w’ano nnaadaa. |
|
| 29 |
|
| Nka sɛ: Sɛ ɔyɛɛ me no, saa ara na mɛyɛ no, mɛtua no deɛ wayɛ no so ka. |
|
| 30 |
|
| Mesianee ɔbarima kwadwofoɔ afuo ne onipa a ɔnni tire bobeturo ho, |
|
| 31 |
|
| na hwɛ, na ne nyinaa afu nsansono, na ahyehyewonsa akata ani, na ɛho aboɔ fasuo abubu agu. |
|
| 32 |
|
| Ɛnna mehwɛeɛ, na medwenee ho yie, mehunui, na mefaa mu nyansa. |
|
| 33 |
|
| Nna kakra, nkotɔ kakra, nsa a mɛpono mada kakra, |
|
| 34 |
|
| ɛnna wo hia nam so bɛba sɛ odwotwafoɔ, ne w’ahokyere sɛ ɛkyɛmkurani. |
|
|
|
|