|
| 1 |
|
| Sɛ ahuhuberɛ mu sukyerɛmma ne twaberɛ mu nsuo teɛ no, sɛ animuonyam mfata ɔkwasea ne no. |
|
| 2 |
|
| Sɛdeɛ apatuprɛ kyini na asomfenakatakyi tuo no, saa ara na nnuabɔ hunu remma mu. |
|
| 3 |
|
| Pɔnkɔabaa fata ɔpɔnkɔ, nnareka fata afunumu, ɛnna abaa nso fata ɔkwasea akyire. |
|
| 4 |
|
| Mmua ɔkwasea n’agyimisɛm so, na wo nso woanyɛ sɛ ɔno. |
|
| 5 |
|
| Bua ɔkwasea wɔ n’agyimisɛm so, na wanyɛ n’ani so onyansafoɔ. |
|
| 6 |
|
| Deɛ ɔde asɛm soma ɔkwasea no twitwa ɔno ara ne nan, na ɔnom mmusuo. |
|
| 7 |
|
| Sɛdeɛ apakye nan sensɛne hɔ no, sɛdeɛ nkwaseafoɔ anomu abebusɛm teɛ ne no. |
|
| 8 |
|
| Sɛdeɛ abohene boaa teɛ aboɔkuo soɔ no, sɛ deɛ ɔhyɛ ɔkwasea animuonyam teɛ ne no. |
|
| 9 |
|
| Sɛdeɛ nkasɛɛ poma teɛ wɔ nsaboni nsam no, sɛ nkwaseafoɔ anomu abebusɛm teɛ ne no. |
|
| 10 |
|
| Deɛ ɔbɔ ɔkwasea ne anantefoɔ paa no te sɛ agyantoni a ɔpira nnipa nyinaa. |
|
| 11 |
|
| Sɛdeɛ ɔkraman sane kɔ ne feɛ ho no, sɛ ɔkwasea ti n’agyimisɛm mu ne no. |
|
| 12 |
|
| Wohunu onipa a ɔyɛ ɔno ara n’ani so nyansafoɔ a, anidasoɔ wɔ hɔ ma ɔkwasea sene no. |
|
| 13 |
|
| Ɔkwadwofoɔ se: Ɛserɛ-mu-sɛe wɔ ɔkwan mu, gyata wɔ mmɔntene so! |
|
| 14 |
|
| Sɛdeɛ ɛpono dane ne ho ne mpontɛre soɔ no, saa ara na ɔkwadwofoɔ nso yɛ wɔ ne kɛtɛ soɔ. |
|
| 15 |
|
| Ɔkwadwofoɔ de ne nsa bɔ ayowa mu, ɛyɛ n’ani ha sɛ ɔde bɛhyɛ n’anomu. |
|
| 16 |
|
| Ɔkwadwofoɔ yɛ n’ani so nyansafoɔ sene nnipa baason a wɔkyerɛ adeɛ a ɛsɛ. |
|
| 17 |
|
| Deɛ ɔretwam na ɔde ne ho fra asɛm a ɛmfa ne ho mu te sɛ deɛ ɔsɔ ɔkraman aso mu. |
|
| 18 |
|
| Sɛdeɛ ɔbɔdamfoɔ a ɔto nnyansramma, agyan ne owuo teɛ no, |
|
| 19 |
|
| sɛ onipa a ɔgyegye ne yɔnko, na ɔka sɛ: Agorɔ na meredie, teɛ ne no. |
|
| 20 |
|
| Nnyina sa a, ogya dum, na sɛ asomsɛmkani nni hɔ a, tɔkwa to twa. |
|
| 21 |
|
| Sɛdeɛ gyabidie ma nsramma na nnyina ma ogya no, saa ara na ɔbarima tɔkwapɛfoɔ ma ɔko ano sɔ. |
|
| 22 |
|
| Asomsɛmkani nsɛm te sɛ mfremfremadeɛ, na ɛsiane kɔ yam mpia mu. |
|
| 23 |
|
| Ano fremfrem ne amumuyɛ akoma te sɛ dwetɛ fi a wɔde adura kuruwago ho. |
|
| 24 |
|
| Deɛ ɔtane obie no de n’ano kyerɛ asɛm bi, na ne mu deɛ, ɔsiesie nkontompo. |
|
| 25 |
|
| Sɛ ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm a, nnye no nni, na akyiwadeɛ nson wɔ n’akomam. |
|
| 26 |
|
| Nitan de nnaadaa kata ne ho, nanso asafo mu wɔbɛyi ne bɔne adi. |
|
| 27 |
|
| Deɛ ɔtu amena bɛhwe ɛno ara mu, na deɛ ɔmuni ɔboɔ no, ɛbɛsane aba ne so. |
|
| 28 |
|
| Tɛkyerɛma torofoɔ tane wɔn a apira wɔn, na ano a ɛdɛfɛdɛfɛ de ɔsɛeɛ ba. |
|
|
|
|