|
| 1 |
|
| Me ba, sɛ wugyina wo yɔnko akyi, sɛ wudi ɔhɔho agyinam, |
|
| 2 |
|
| sɛ wonam w’anom asɛm so ama wo ho akyere wo a, |
|
| 3 |
|
| yɛ eyi mmom, me ba, na yi wo ho, efisɛ woatɔ wo yɔnko nsam; kɔ kɔkotow, na srɛ wo yɔnko no. |
|
| 4 |
|
| Mma nna nnkɔ w’aniwa mu, na mma w’anisuatɛtɛw nntɔ nnko; |
|
| 5 |
|
| yi wo ho sɛ adowa fi ne nsam, sɛ anomaa fi ofirisumfo nsam. |
|
| 6 |
|
| Ɔkwaadwofo, kɔ ntɛtea nkyɛn, hwɛ n’akwan, na hu nyansa. |
|
| 7 |
|
| Ɔno na onni otitiriw, ɔpanyin ne sodifo, |
|
| 8 |
|
| nanso osiesie n’aduan ahohurubere, na ɔboaboa n’adidide ano twabere mu. |
|
| 9 |
|
| Wobɛda akosi da bɛn, ɔkwaadwofo? Bere bɛn na wobɛsɔre afi wo nna mu? |
|
| 10 |
|
| Nna kakra, nkotɔ kakra, nsa a mɛpono mada kakra. |
|
| 11 |
|
| Ɛnna wo hia bɛto wo sɛ ɔkwanmukafo, ne w’ahokyere sɛ ɔkyɛmkurafo. |
|
| 12 |
|
| Onipa huhuw ne ɔbarima busuyɛfo, ɔde ano kɔntɔnkye nennamee, |
|
| 13 |
|
| obubu n’aniwa, ɔde ne nan kasa, ɔde ne nsatea kyerɛkyerɛ ade, |
|
| 14 |
|
| akɔntɔnkyesɛm wɔ ne komam, ɔpam ne tirim apammɔne daa, takrawogyam na ɔhyɛ. |
|
| 15 |
|
| Enti mpofirim na ne sɛe bɛba, wobebubu no afrɛ so a wontumi nsa. |
|
| 16 |
|
| Ade asia yi na AWURADE tan, Yiw na ade ason na ɛyɛ ne kra akyide, |
|
| 17 |
|
| ani a ɛtra ntɔn, atoro tɛkrɛma, ne nsa a ehwie mogya a edi bem gu; |
|
| 18 |
|
| koma a edwen mmusu adwene, nan a ɛyɛ hare tu mmirika kɔ bɔne mu; |
|
| 19 |
|
| ɔdansekurumfo a ohuw atosɛm, ne nea ɔhyɛ anuanom ntam takrawogyam. |
|
| 20 |
|
| Me ba, bu w’agya mmara nsɛm, na ntow wo na kyerɛ nkyene. |
|
| 21 |
|
| Fa kyekyere wo koma ho daa yi, na fa bobare wo kɔn ho hyia. |
|
| 22 |
|
| Wonam a, ma enkogya wo, woda a, ɛnhwɛ wo so, na wunyan a, ɛnyɛ wo sɛmɔdɛbɔ. |
|
| 23 |
|
| Na mmara nsɛm no yɛ ɔkanea, na kyerɛ no yɛ hann, na nteɛso nkaanim yɛ nkwa kwan, |
|
| 24 |
|
| na ahwɛ wo so afi ɔbea bɔne ho, afi ɔbea hɔho tɛkrɛma dɔkɔdɔkɔ ho. |
|
| 25 |
|
| Mma w’ani mmmere n’ahoɔfɛ wo komam, na mma ɔmmfa n’anisuatɛtɛw nnkyere wo. |
|
| 26 |
|
| Na ɔbea oguamamfa ma obi di abodoosin, na obi yere buw nkwa a ne bo yɛ den. |
|
| 27 |
|
| So onipa de ogya bɛhyɛ ne kokom, na ne ntade renhyew? |
|
| 28 |
|
| So obi bɛfa nsramma so, na ne nan renhyew? |
|
| 29 |
|
| Saa na nea ɔkɔ ne yɔnko yere nkyɛn te, obiara a ɔka no renni bem. |
|
| 30 |
|
| Owifo, sɛ owia ade sɛ ɔredi amee, efisɛ ɔkɔm de no a, wommu ani ngu so; |
|
| 31 |
|
| na sɛ wohu no a, ɔbɔ ho mpɛn asɔn, ɔde n’afide nyinaa bɛma. |
|
| 32 |
|
| Nea ɔfa ɔyere nni ti, nea ɔsɛe ne kra na ɔyɛ saa. |
|
| 33 |
|
| Mmaa ne animguase na obenya, na n’ahohora no, wɔrempopa. |
|
| 34 |
|
| Na ninkunu twetwe ɔbarima abufuhyew, na aweredi da no, ɔremfa mfiri; |
|
| 35 |
|
| ɔremmu mpata biara, na woma akyɛde dɔɔso po a, ɔrempene. |
|
|
|
|