|
| 1 |
|
| Me ba, sɛ wogyina wo yɔnko akyi, sɛ wodi ɔhɔhoɔ agyinamu, |
|
| 2 |
|
| sɛ wɔnam w’anomu asɛm so akye wo a, |
|
| 3 |
|
| yɛ yei mmom, me ba, na yi wo ho, ɛfiri sɛ woatɔ wo yɔnko nsam; kɔ kɔkoto, na srɛ wo yɔnko no. |
|
| 4 |
|
| Mma nna nnkɔ w’ani so, na mma w’anisuatɛtɛ nntɔ nko. |
|
| 5 |
|
| Yi wo ho sɛ adowa firi ɔbɔmmɔfoɔ nsam, sɛ anomaa firi fidisumfoɔ nsam. |
|
| 6 |
|
| Ɔkwadwofoɔ, kɔ tɛtea nkyɛn, hwɛ n’akwan, na hunu nyansa. |
|
| 7 |
|
| Ɔno na ɔnni otitire, ɔpanin anaa sodifoɔ bie, |
|
| 8 |
|
| nanso ɔsiesie n’aduane ahuhuberɛ, na ɔboaboa n’adidideɛ ano twaberɛ mu. |
|
| 9 |
|
| Wobɛda akɔsi da bɛn, ɔkwadwofoɔ? Berɛ bɛn na wobɛsɔreɛ afiri wo nna mu? |
|
| 10 |
|
| Nna kakra, nkotɔ kakra, nsa a mɛpono mada kakra. |
|
| 11 |
|
| Ɛnna wo hia bɛto wo sɛ ɔkwanmukafoɔ, ne w’ahokyere sɛ ɛkyɛmkurafoɔ. |
|
| 12 |
|
| Onipa huhuo ne ɔbarima busuyɛfoɔ, ɔde ano kontonkyi nenam, |
|
| 13 |
|
| ɔbubu n’ani, ɔde ne nan kasa, ɔde ne nsateaa kyerɛkyerɛ adeɛ, |
|
| 14 |
|
| akontonkyisɛm wɔ n’akomam, ɔpam ne tirim apammɔne daa, takrawɔgyam na ɔhyɛ. |
|
| 15 |
|
| Enti mpofirim na ne sɛeɛ bɛba, wɔbɛbubu no amonom a wɔntumi nsa. |
|
| 16 |
|
| Adeɛ nsia yi na AWURADE tane, aane, na adeɛ nson na ɛyɛ ne kra akyiwadeɛ, |
|
| 17 |
|
| ani a ɛtra ntɔn, atorɔ tɛkyerɛma, ne nsa a ɛhwie mogya a ɛdi bem guo; |
|
| 18 |
|
| akoma a ɛdwene mmusuo adwene, nan a ɛyɛ herɛ tu mmirika kɔ bɔne mu; |
|
| 19 |
|
| ɔdansekurumfoɔ a ɔhu atorosɛm, ne deɛ ɔhyɛ anuanom ntam takrawɔgyam. |
|
| 20 |
|
| Me ba, bu w’agya mmara nsɛm, na nto wo na nkyerɛkyerɛ ntwene. |
|
| 21 |
|
| Fa kyekyere w’akoma ho daa nyinaa, na fa bebare wo kɔn ho hyia. |
|
| 22 |
|
| Wonam a, ma no nkɔgya wo, woda a, ɛnhwɛ wo so, na wonyane a, ɛnyɛ wo sɛmɔdɛbɔ. |
|
| 23 |
|
| Na mmara nsɛm no yɛ kanea, na nkyerɛkyerɛ no yɛ hann, na atenetene nkaanim yɛ nkwa kwan, |
|
| 24 |
|
| na ahwɛ wo so afiri ɔbaa bɔne ho, afiri ɔbaa hɔhoɔ tɛkyerɛma dɔkɔdɔkɔ ho. |
|
| 25 |
|
| Mma w’ani mmmere n’ahoɔfɛ w’akomam, na mma no mmfa n’anisuatɛtɛ nnkye wo. |
|
| 26 |
|
| Na ɛsiane ɔbaa dwamamfoɔ nti, wɔgyee ɔbarima paanoosini, na obi yere deɛ, wɔgyee no ne nkwa a ne boɔ yɛ den no. |
|
| 27 |
|
| Onipa de ogya bɛhyɛ ne kokom a ne ntadeɛ renhyeɛ? |
|
| 28 |
|
| Obi bɛfa nsramma so a ne nan renhyeɛ? |
|
| 29 |
|
| Saa na deɛ ɔkɔ ne yɔnko yere nkyɛn teɛ, na obiara a ɔkɔ ne yɔnko yere nkyɛn no renni bem. |
|
| 30 |
|
| Sɛ ɛkɔm de owifoɔ na ɔwia adeɛ sɛ ɔredi amee a, wɔmmu no animtia: |
|
| 31 |
|
| Nanso sɛ wɔhu no a, ɔbɔ ho mprɛnson, ɔde n’afideɛ nyinaa bɛma. |
|
| 32 |
|
| Deɛ ɔsɛe awadeɛ no nni ti, deɛ ɔyɛ saa no de sɛe ne kra. |
|
| 33 |
|
| Mmaa ne animguaseɛ na ɔbɛnya, na n’ahohora no, wɔmpepa. |
|
| 34 |
|
| Na ninkunu twetwe ɔbarima abufuhyeɛ, na aweretɔ da no ɔremfa nkyɛ; |
|
| 35 |
|
| ɔremmu mpata biara, na woma akyɛdeɛ dɔɔso mpo a, ɔrempene. |
|
|
|
|