|
| 1 |
|
| Me ba, di me nsɛm so, na fa me mmara nsɛm sie. |
|
| 2 |
|
| Di me mmara nsɛm so na nya nkwa, na bu me mmara sɛ w’aniwa kurutiayisi. |
|
| 3 |
|
| Fa kyekyere wo nsatea so, kyerɛw wo koma pon so. |
|
| 4 |
|
| Ka kyerɛ nyansa sɛ: Me nuabea ne wo! Na frɛ nhumu sɛ w’adamfowa, |
|
| 5 |
|
| na ahwɛ wo so afi ɔbea sansani ho, afi ɔbea sansani a ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm ho. |
|
| 6 |
|
| Na mifi me dan mfɛnsere mu, m’ahunuaniankansa mu mehwɛe; |
|
| 7 |
|
| na mehwɛɛ ntetekwaafo mu, mihuu mmofra no mu aberantewa bi a onni ti, |
|
| 8 |
|
| ɔperee abɔnten bɛn ne twea, na ɔsen faa ne fi kwan, |
|
| 9 |
|
| ɛbere a ade resa, anadwofa, anadwo kɔnkɔn ne sum mu. |
|
| 10 |
|
| Na hwɛ, ɔbea bi hyiaa no, ofura aguamantam, ne koma asen; |
|
| 11 |
|
| wagyigya na n’aso asorow, ne nan ntena ne fi; |
|
| 12 |
|
| mprempren ɔwɔ mmorɔn so, seisei yi ɔwɔ gua so, na ɔtetɛw twea nyinaa so. |
|
| 13 |
|
| Ɛnna osoo no mu, na ofew n’ano, na ɔhyɛɛ n’ani den ka kyerɛɛ no sɛ: |
|
| 14 |
|
| Asomdwoe afɔrebɔ da me so, ɛnnɛ na mama m’aboade; |
|
| 15 |
|
| enti na mifi mibehyiaa wo yi, mebɛhwehwɛɛ w’anim, na mahu wo yi. |
|
| 16 |
|
| Mede mmommo makata me mpa so, Misraim nkyeremu; |
|
| 17 |
|
| mede kurobow ne pɛprɛ ne dupapo mapete me nnae so. |
|
| 18 |
|
| Bra ma ɔdɔ mmee yɛn nkosi anɔpa, ma yɛmfa akɔnnɔde nsɛpɛw yɛn ho. |
|
| 19 |
|
| Na ofiwura nni fie, watu kwan kɔ akyirikyiri; |
|
| 20 |
|
| wafa fotow ne sika akura, ɔsram korokumatwa da mu ansa na ɔbɛba fie. |
|
| 21 |
|
| Ɔde brada pii too no, ɔde n’ano fremfrem nyaa no de no kɔe. |
|
| 22 |
|
| Odii n’akyi prɛko sɛ nantwi a wɔrekokum no, sɛ mpokyerɛ a wɔde twe ogyimifo aso, |
|
| 23 |
|
| kosii sɛ agyan hwirew ne mmerɛbo mu, te sɛ anomaa de ahoɔhare kɔ afiri mu, na onnim sɛ ne nkwa na ɛda mu. |
|
| 24 |
|
| Na afei, me mma, muntie me, na monyɛ aso mma m’anom nsɛm. |
|
| 25 |
|
| Mma wo koma mmman nnkɔ n’atempɔn so, mfom nkɔ n’akwan so. |
|
| 26 |
|
| Na wapirapira nnipa pii agugu hɔ, na wɔn a wakunkum wɔn dɔɔso; |
|
| 27 |
|
| ne fi ne asamando kwan, esan kɔ owu mpia mu. |
|
|
|
|